-
Esra 7:14-16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16 na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wobɛnya no Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛdeɛ a ɔman no ne asɔfoɔ bɛyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+
-