12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu nsan mmra me nkyɛn;+
Momfa akɔnkyene+ ne esu ne agyaadwo mmra.
13 Monsuan mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaadeɛ.+
Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,
Ɛfiri sɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu, ne bo mfu ntɛm,+ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+
Na ɔsɛeɛ a ɔde reba no, ɔbɛgyae ama no aka.
14 Hwan na ɔnim sɛ ebia ɔbɛsan na wagyae ama no aka,+
Na wahyira wo,
Na wode aduane afɔreɛ ne nsã afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn?