Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 26:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Mede mo nkuro bɛma sekan+ na masɛe mo kronkronbea, na m’ani rennye mo afɔreɛ hwamhwam* ho bio.

  • Yeremia 26:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 ɛnneɛ me nso, mɛyɛ efie yi sɛ Silo,+ na mɛma kuro yi ayɛ nnome ama asaase so aman nyinaa.’”’”+

  • Yeremia 52:12, 13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfoɔ no baa Yerusalem.+ 13 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie* no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee. Afei nso, ɔhyee afie akɛseɛ nyinaa dwerɛbee.

  • Hesekiel 24:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho dendeenden no, deɛ mo ani gye ho a ɛda mo akoma so* no, merebɛgu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no, wɔde sekan bɛkunkum wɔn.+

  • Mika 3:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Mo nti,

      Wɔbɛfuntum Sion sɛ afusaase,

      Yerusalem bɛyɛ aboɔ akuakuo,+

      Na Efie no bepɔ* no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane