Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 25:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie*+ no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyee otitire biara fie.+ 10 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+

  • 2 Berɛsosɛm 36:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ hene+ de sekan baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberanteɛ oo, ɔbaabunu oo, ɔpanin oo, deɛ wago oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+

  • Nehemia 2:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa! Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, berɛ a kuro a m’agyanom adamena wom adane amamfo na n’apono nso, wɔde gya ahye?”+

  • Yesaia 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Mo asaase adane amamfo.

      Wɔde gya ahye mo nkuro.

      Ahɔhoɔ redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+

      Ɛte sɛ asaase a ahɔhoɔ abutu no ama no asɛe.+

  • Yeremia 4:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Wapue te sɛ gyata a ɔfiri ne dɔtɔ mu reba;+

      Deɛ ɔsɛe amanaman no atu reba.+

      Watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛma w’asaase ayɛ tantaantan.

      Ɔbɛsɛe wo nkuro pasaa, na obiara rentena mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane