Nehemia
2 Ɔhene Artasasta+ ahennie afe a ɛtɔ so 20,+ bosome Nisan* mu no, ɛbaa sɛ na bobesa si n’anim, na sɛdeɛ daa meyɛ no, mefaa bobesa no de maa ɔhene.+ Nanso na m’anim nyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ wɔ ɔhene anim saa da. 2 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Adɛn nti na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ saa, berɛ a wonyare? Wei nyɛ biribiara sɛ akoma mu awerɛhoɔ.” Ɛmaa ehu kɛseɛ kaa me.
3 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa! Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, berɛ a kuro a m’agyanom adamena wom adane amamfo na n’apono nso, wɔde gya ahye?”+ 4 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ?” Ntɛm ara na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ.+ 5 Afei meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, ma menkɔ Yuda kuro a wɔsiee m’agyanom wom no mu na mensan nkɔkyekyere.”+ 6 Saa berɛ no, na ɔhemmaa no te ɔhene nkyɛn, na ɔhene bisaa me sɛ: “W’akwantuo no bɛdi nna sɛn, na da bɛn na wobɛsan aba?” Enti ɔhene penee so sɛ menkɔ,+ na mehyɛɛ no da.+
7 Na meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no*+ agya no, na wɔama me kwan ama matwam akɔduru Yuda dwoodwoo; 8 ɛne krataa nso a mede bɛma Ɔhene Kwaeɛ sohwɛfoɔ Asaf, na wama me nnua a mede bɛyɛ Fie* No Abankɛseɛ+ apono, ne kuro no afasuo+ ne efie a merekɔ mu no ho adwuma.” Enti ɔhene de maa me,+ me Nyankopɔn nsa* a ɛwɔ me so nti.+
9 Mekɔduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no agya no nkyɛn, na mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Afei nso, ɔhene maa asahene ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so kaa me ho kɔe. 10 Berɛ a Sanbalat+ a ɔfiri Horonaim, ne ahemfie panin* Tobia+ a ɔfiri Ammon+ teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya paa sɛ obi aba rebɛyɛ adepa ama Israelfoɔ.
11 Afei mekɔduruu Yerusalem. Ne nnansa akyi no, 12 mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho no. Nanso deɛ na me Nyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ mma Yerusalem no, manka ankyerɛ obiara. Ná aboa biara nka yɛn ho sɛ aboa a mete ne so no. 13 Mefaa Ɛbɔn Pono+ no mu firii adi anadwo faa Ɔtweaseɛ Nsuo Aniwa no anim kɔɔ Sumina Pono+ no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo no hunuu sɛdeɛ abubu na wɔde egya nso ahye n’apono no.+ 14 Na metwaam kɔɔ Nsuo Aniwa Pono+ no ano toaa so kɔɔ Ɔhene Tadeɛ no ho, na na aboa a mete ne so no nnya baabiara mfa. 15 Ɛnna metoaa so faa ɛbɔn+ no mu anadwo no, na merekɔ nyinaa na merehwɛ sɛdeɛ afasuo no teɛ; ɛno akyi no, mesan m’akyi bɛfaa Ɛbɔn Pono no mu baeɛ.
16 Ná asoafoɔ no+ nnim baabi a mekɔeɛ ne deɛ na mereyɛ, na Yudafoɔ no, asɔfoɔ, atitire, asoafoɔ, ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nso, na mennya nkaa biribiara nkyerɛɛ wɔn. 17 Afei meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, ne sɛdeɛ Yerusalem ayɛ amamfo na wɔde egya ahye n’apono. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no bio, na yɛankɔ so antena animguaseɛ yi mu.” 18 Na mekaa sɛdeɛ me Nyankopɔn nsa adi aboa me+ no kyerɛɛ wɔn, ne ɔhene nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no.+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Enti wɔhyɛɛ wɔn ho den* maa adwuma pa no.+
19 Berɛ a Sanbalat a ɔfiri Horonaim, ahemfie panin* Tobia+ a ɔfiri Ammon,+ ne Gesem a ɔfiri Arabia+ teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ,+ na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Ɔhene na morete ne so atua yi?”+ 20 Nanso, mebuaa wɔn sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no na ɔbɛma asi yɛn yie,+ na yɛn a yɛyɛ ne nkoa no, yɛn na yɛbɛsɔre asi; mo deɛ, monni kyɛfa ne hokwan ne agyapadeɛ* biara wɔ Yerusalem.”+