Nehemia
3 Ɔsɔfo panin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree, na wɔyɛɛ ɔfasuo no ho adwuma wɔ baabi a na Nnwan Pono+ no wɔ no. Wɔyɛɛ no kronkron*+ na wɔsisii n’apono; wɔyɛɛ no kronkron kɔduruu Mea Abantenten+ no ho de kɔsii Hananel Abantenten+ no ho. 2 Yeriko mmarima+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ ɔfasuo no ho adwuma. Ná Imri ba Sakur nso toa wɔn so.
3 Hasenaa mma na wɔyɛɛ Mpataa Pono+ no ho adwuma; wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono,+ yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 4 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn so. 5 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, nanso wɔn atitire no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.
6 Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wɔsiesiee Kuro Dada Pono no;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono, yeyɛɛ ne nkorɔkorɔ ne ne mmeamu. 7 Wɔn a wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi ne Gibeonni+ Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ Asubɔnten no*+ agya amrado no ase.* 8 Harhaia ba Usiel a ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi, na Hanania a ɔyɛ sradehwamfrafoɔ no na ɔtoaa ne so; wɔde aboɔ* sɛm Yerusalem kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ+ no ho. 9 Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi. 10 Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne fie anim; na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa ne so.
11 Harim ba+ Malkiya ne Pahat-Moab ba+ Hasub siesiee baabi foforɔ* ne Fononoo Abantenten no.+ 12 Halohes ba Salum, Yerusalem mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mma mmaa.
13 Hanun ne nnipa a wɔtete Sanoa+ na wɔsiesiee Ɛbɔn Pono no;+ wɔn na wɔsiiɛ, na wɔyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, ne ɔfasuo no basafa 1,000* kɔsii Sumina Pono no+ ho. 14 Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafoɔ no na ɔsiesiee Sumina Pono no; ɔno na ɔsiiɛ, na ɔyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu.
15 Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafoɔ no na ɔsiesiee Nsuo Aniwa Pono no;+ ɔno na ɔsiiɛ, na ɔbɔɔ* so na ɔyeyɛɛ n’apono, ne nkorɔkorɔ, ne ne mmeamu, na ɔfasuo a ɛbɛn Tadeɛ+ Suka a ɛkɔ Ɔhene Turom+ no nso ɔsan siesie de kɔpem Stɛps+ a ɛsiane firi Dawid Kuro+ mu no.
16 Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi firi Dawid Asieeɛ+ kɔsii tadeɛ+ a nnipa ayɛ, ne Akatakyie Fie no anim.
17 Lewifoɔ no na wɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi: ná wɔhyɛ Bani ba Rehum ase; Hasabia, Keila+ mantam fã soafoɔ no na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18 Wɔn nuanom na wɔtoaa so siesiee ɔfasuo no fã bi: Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafoɔ na na ɔda wɔn ano.
19 Yesua+ ba Eser, Mispa otitire no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã a ɛwɔ beaeɛ a ɛforo kɔ Akodeɛ Korabea a ɛbɛn Adum+ no.
20 Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa ne so de ahokeka siesiee ɛfã a ɛfiri Adum no so kɔsi ɔsɔfo panin Eliasib+ fie kwan ano.
21 Hakos ba Uriya ba Meremot+ na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a ɛfiri Eliasib fie kwan ano kɔsi Eliasib fie no awieeɛ nohoa.
22 Asɔfoɔ a wɔfiri Yordan Mantam*+ mu no toaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi. 23 Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ wɔn ankasa fie anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ baabi a ɛbɛn ɔno ara ne fie. 24 Henadad ba Binui na ɔtoaa ne so siesiee ɛfã a ɛfiri Asaria fie kɔsi Adum+ no so kɔeɛ ara kɔpem ne ntwea so.
25 Usai ba Palal na ɔtoaa ne so yɛɛ adwuma no bi wɔ Adum no ne abantenten a ɛtoa Ahemfie*+ no so, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa ne so.
26 Asɔrefie asomfoɔ*+ a na wɔte Ofel+ no siesiee ɛfã a ɛwɔ Nsuo Pono+ no anim wɔ apueeɛ fam de kɔpem abantenten a epue ɔfasuo no ho.
27 Tekoafoɔ+ na wɔtoaa wɔn so; abantenten kɛseɛ a epue ɔfasuo no ho no, animu na wɔsiesie de kɔsii Ofel ɔfasuo no ho.
28 Asɔfoɔ no na wɔsiesiee Apɔnkɔ Pono+ no atifi; wɔn mu biara yɛɛ adwuma wɔ ɔno ara ne fie anim.
29 Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne fie anim.
Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono+ ano hwɛfoɔ no na ɔtoaa ne so.
30 Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔtɔ so nsia, Hanun, na wɔtoaa ne so siesiee ɛfã foforɔ.
Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so siesiee ɔfasuo no fã bi wɔ ɔno ara ne dan* anim.
31 Malkiya a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no na ɔtoaa ne so siesiee ɔfasuo no fã bi kɔsii asɔrefie asomfoɔ*+ ne adwadifoɔ fie ne Ɔhwɛ Pono no anim de kɔpem abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no ho.
32 Sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ no na wɔsiesiee abansoro dan a ɛwɔ ntwea so no kɔsii Nnwan Pono+ no ho.