17 Saa berɛ no, na Yuda atitire no+ twerɛtwerɛ nkrataa kɔma Tobia, na na Tobia nso twerɛ bi brɛ wɔn. 18 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã, ɛfiri sɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babaa.