-
Nehemia 6:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a aka no sɛ masan ato ɔfasuo no+ na masisi ntokuro no nyinaa (nanso ɛde bɛsi saa berɛ no na mensisii ɛho apono).+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn no, 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔ adi me bɔne.
-