-
Deuteronomium 29:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 “Mo mma awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye ne ahɔhoɔ a wɔfiri akyirikyiri asaase so nyinaa bɛhunu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wɔbɛhunu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɛhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua adeɛ wɔ so, na aba anaa afifideɛ biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuo sɛee no no.
-