16 Monhwɛ yie na biribiara antwetwe mo akoma amma moankɔsom anyame foforɔ ankoto wɔn.+ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa bo bɛfu mo dendeenden, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asaase remmɔ aduane, na ɛrenni da bi na mo ase ahye afiri asaase pa a Yehowa de ama mo no so.+