Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa dan+ no soɔ. Dawid dwom.
30 O Yehowa, mɛkamfo wo ɛfiri sɛ woayi me afiri mu;+
Woamma m’atamfo anni me ho ahurisie.+
2 Mesu mefrɛɛ wo, O Yehowa me Nyankopɔn, na wosaa me yareɛ.+
3 O Yehowa, woagye me kra afiri Adamena mu;+
Woama matena nkwa mu, na mankɔ amena mu.+
4 Yehowa anokwafoɔ nyinaa, monto dwom mma no,+
Monyi ne din kronkron no ayɛ;+
5 Ɛfiri sɛ n’abufuo nkyɛ+ onipa so,
Na n’adom deɛ, ɛtena hɔ afebɔɔ.+
Anwummerɛ, esũ ba,+ nanso anɔpa, ahurisidie ba.+
6 Me deɛ, maka no m’ahodwoɔ mu+ sɛ:
“Merenhinhim ara da.”+
7 O Yehowa, w’adom mu na woama me bepɔ atim ahoɔden mu.+
Wode w’anim huntaeɛ, na meyɛɛ basaa.+
8 O Yehowa, wo na mefrɛɛ wo+ daa;
Yehowa na mekoto srɛɛ no daa sɛ ɔnnom me.+
9 Sɛ mekɔ amena mu+ a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me mogya soɔ?
Mfuturo bɛtumi akamfo wo anaa?+ Ɛbɛtumi aka wo nokorɛ akyerɛ?+
10 Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+
O Yehowa, boa me.+
11 Woama m’awerɛhoɔ adane asa;+
Woasane me ho atweaatam, na wode ahurisie abɔ me abɔsoɔ;+
12 Ɛno na m’animuonyam bɛto dwom ama woɔ, na ɛrenyɛ komm.+
O Yehowa me Nyankopɔn, mɛkamfo wo+ daa daa.