Yesaia
14 Yehowa bɛhu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan ayi Israel.+ Ɔbɛma wɔahome wɔ wɔn asase so,+ na ahɔhoɔ de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fie ho.+ 2 Nkurɔfoɔ de wɔn bɛba wɔn asase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapadeɛ na wɔayɛ nkoa ne mfenaa wɔ Yehowa asase so.+ Na wɔbɛfa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nnommum,+ na wɔn a wɔkaa wɔn so kɔɔ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.+
3 Na da a Yehowa bɛma woahome afiri wo yea ne w’abɛbrɛsɛ ne wo nkoasom mu brɛ mu no,+ 4 wɔbɛbu Babilon hene bɛ aka sɛ:
“O, ɛyɛɛ dɛn na deɛ ɔka nkurɔfoɔ so kɔ adwuma yi agyaeɛ, na ɛyɛɛ dɛn na nhyɛsoɔ to atwa yi?+ 5 Yehowa abubu abɔnefoɔ abaa ne atumfoɔ poma mu,+ 6 deɛ ɔde anibereɛ hwe nkurɔfoɔ daa,+ deɛ ɔde abufuo hyɛ aman so na ɔtaa wɔn a emu ngoɔ no.+ 7 Asase nyinaa so adwo,+ ɔhaw biara nni so. Nkurɔfoɔ de anigyeɛ bɔ ose.+ 8 Deɛ ato woɔ no ama ɔpopaw nnua+ ne Lebanon ntweneduro mpo ani agye, na wɔka sɛ, ‘Ɛfiri berɛ a wodaeɛ yi, duabufoɔ+ biara mmaa yɛn so.’
9 “Adamena*+ a ɛwɔ asase ase tɔnn no mpo de ahoperɛ rebɛhyia wo ama wo akwaaba. Wo nti awufoɔ+ anyane, asase so atumfoɔ a wɔte sɛ mpapo nyinaa.+ Wama amanaman no ahemfo nyinaa asɔre afiri wɔn adwa so.+ 10 Wɔn nyinaa ka sɛ, ‘Wo nso woadwodwo te sɛ yɛn?+ Ei, wo nso woayɛ sɛ yɛn ara?+ 11 W’ahokyerɛ ne wo sankuo nnyegyeeɛ nyinaa abɛduru Adamena mu.+ Mmoaa manyamanya abɛyɛ mpa a woda soɔ, na asonsono abɛyɛ ntoma a ɛkata wo ho.’+
12 “O wo a wohyerɛn, adekyeeɛ ba, hwɛ sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam!+ Wo a wobrɛɛ aman aseɛ,+ hwɛ sɛdeɛ wɔatwa wo abɛhwe asase soɔ!+ 13 Wokaa no w’akomam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+ Mɛma m’adwa+ so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+ na mɛtena nhyiamu bepɔ+ so wɔ atifi fam nohoa.+ 14 Mɛforo atra ɔsoro mununkum;+ mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no ankasa.’+
15 “Nanso wɔbɛte wo abɛhwe Adamena mu,+ amena ase tɔnn.+ 16 Wɔn a wɔbɛhu woɔ no bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo hãã aka sɛ: ‘Ɛnyɛ ɔbarima a ɔkanyan ne ho a, asase wosoɔ na ahennie hinhim no nie?+ 17 Ɛnyɛ ɔno na ɔmaa asase pa danee serɛ na ɔkaa nkuro butuiɛ+ na wamma ne nneduafoɔ kwan ankɔ wɔn fie no?’+ 18 Amanaman ahemfo nyinaa deda hɔ animuonyam mu, obiara da ne damena mu.+ 19 Nanso wo deɛ, woannya damena biara,+ na wɔato wo atwene sɛ duban a wɔapoɔ, na mmarima a wɔatotɔ nkrantɛ ano akata wo ho baabiara, mmarima a wɔasiane kɔ aboɔ amena mu,+ te sɛ funu a wɔatiatia soɔ.+ 20 Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ woasɛe w’asase, na woakunkum wo ara wo nnipa. Wɔremmɔ abɔnefoɔ asefoɔ din da.+
21 “Monsɔre nsiesie baabi a mobɛkum ne mma, wɔn agyanom bɔne nti.+ Monku wɔn na wɔamfa asase no, na wɔankyekyere nkuro anhyɛ so mã.”+
22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ Asafo Yehowa na aka.
“Edin oo,+ nkaefoɔ oo, mma oo, mmanana oo,+ mɛtwa ne nyinaa afiri Babilon,” Yehowa anom asɛm nie.
23 “Mede no bɛma akɔtɔkɔ na ɛhɔ bɛdane ɔwora, na mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no akɔ,”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.
24 Asafo Yehowa aka ntam+ sɛ: “Deɛ masusuo no, ɛno ara na ɛbɛba mu, na gyinaeɛ a masie no, ɛno ara na ɛbɛyɛ hɔ.+ 25 Enti mɛbubu Asiria m’asase so+ na matiatia ne so me bepɔ so.+ Ne kɔndua bɛfiri wɔn so na ne nnesoa afiri wɔn mmatiri so.”+
26 Yei ne pɔ a wɔabɔ atia asase nyinaa, na yei ne nsa a wɔatene no aman nyinaa soɔ. 27 Asafo Yehowa no ara asi gyinaeɛ,+ hwan na ɔbɛtumi asɛe no?+ Watene ne nsa, hwan na ɔbɛtumi akoa mu?+
28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no,+ wɔde atemmusɛm yi maeɛ: 29 “Filistia,+ abaa a mo tamfo de hwee mo no mu abu,+ nanso mo mu biara nnni ahurisie.+ Hwɛ, ɔwɔ nhini+ mu na ahuritia+ bɛfiri aba, na n’aba yɛ ɔwɔ a n’ano yɛ egya a ɔtuo.+ 30 Abrɛfoɔ mmakan bɛdidi na ahiafoɔ ada ama wɔn asom adwo wɔn.+ Nanso wo deɛ, mede ɛkɔm bɛku wo nhini, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu no nso bɛwuwu.+ 31 O ponkɛseɛ, twa adwo! Kurokɛseɛ, team! Filistia nyinaa, mo akoma ntu, ɛfiri sɛ wisie bi firi atifi reba, na asraafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛtwentwɛn ne nan ase.”+
32 Asɛm bɛn na wɔde bɛbua abɔfoɔ+ a ɔman no atu wɔn no? Wɔnka sɛ Yehowa no ara ato Sion fapem,+ na ne man mu abrɛfoɔ bɛtena hɔ dwoodwoo.