Dwom 9:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Woaka amanaman anim,+ na woasɛe nnebɔneyɛfoɔ.+Woapepa wɔn din korakora, daa afebɔɔ.+ Dwom 109:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ma n’asefoɔ ase ntɔre.+Ma wɔmpepa wɔn din mfiri nkyirimma a wɔbɛba no mu.+ Mmebusɛm 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔteneneeni nkaeɛ bɛyɛ nhyira,+ na abɔnefoɔ din deɛ, ɛbɛporɔ.+