Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Esra 3:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Bosome a ɛtɔ so nson+ no duruiɛ no, na Israel mma akɔtenatena wɔn nkuro mu. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano sɛ nipa baako+ baa Yerusalem.+

  • Esra 9:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, woahu yɛn mmɔbɔ+ kakra sɛ woama ebinom afiri mu aka,+ O yɛn Nyankopɔn. Woama yɛn ase atim* wo kronkronbea hɔ, woama yɛn ani agye,+ na woama yɛanya ahotɔ kakra afiri yɛn nkoasom mu.+

  • Yesaia 12:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛda no,+ wobɛka sɛ: “O Yehowa, mɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo bo fuu me, nanso nkakrankakra w’abufuo no ano dwoeɛ,+ na wotwaa wo ho kyekyeree me werɛ.+

  • Yesaia 32:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Na me manfoɔ bɛtena asomdwoeɛ tenabea, ahotɔ fie, ne kommyɛ ahomegyebea.+

  • Yeremia 30:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+

  • Hesekiel 28:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Na hwerɛmo bɔne+ biara remma Israel fie so bio, na nkasɛɛ a ano yɛ ya remfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔdi wɔn ho fɛ no mu mma bio; na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane