Yesaia
13 Babilon ho atemmusɛm+ a Amus+ ba Yesaia hunuiɛ nie: 2 “Momma ahyɛnsodeɛ+ bi so mfa nsi bepɔ petee so. Momma mo nne so mfrɛ wɔn, monnyama mo nsa+ na wɔmmra mmapɔmma pono ano.+ 3 Mede ahyɛdeɛ ama dɔm a mate wɔn ho no.+ Mafrɛ nnɔmmarima, nnipa a wɔn ahurisidie nni ano, sɛ wɔmpae m’abufuo nkyerɛ.+ 4 Montie! Nnipadɔm wɔ mmepɔ so, biribi te sɛ dɔm gyegyeegye!+ Montie! Ahennie bu fa so, aman a wɔaboaboa wɔn ano!+ Asafo Yehowa reboaboa asraafoɔdɔm ano ama ɛko.+ 5 Wɔfiri asase so akyirikyiri,+ ɔsoro ano tɔnn, reba, Yehowa ne n’atemmuo akodeɛ, na wɔrebɛsɛe asase nyinaa.+
6 “Montwa adwo+ na Yehowa da no abɛn!+ Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ara hɔ.+ 7 Enti nsa nyinaa mu bɛgo na ɔdasani akoma mũ no nyinaa anane.+ 8 Nkurɔfoɔ adwene atu afra.+ Wɔasensene na wɔte yea; wɔte yea sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+ Obiara hwɛ ne yɔnko anim hãã, na wɔn anim ayɛ bosabosaa.+
9 “Hwɛ, Yehowa da no reba, na ɛbɛyɛ anibereɛ ne abufuhyeɛ da, ahummɔborɔ biara nnim. Asase no bɛdane amamfõ korakora+ na ɛso abɔnefoɔ ase ahye.+ 10 Ɔsoro nsoromma ne Kesil nsorommakuo+ renhyerɛn; na awia bɛduru sum berɛ a ɛrepue no ara, na bosome rensɔ ne kanea. 11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumuyɔfoɔ anya wɔn amumuyɔ so akatua. Mɛma ahantanfoɔ agyae wɔn dwɛɛ no na mabrɛ atirimuɔdenfoɔ ahomasoɔ ase.+ 12 Mɛma onipa ho ayɛ nã asene sika kɔkɔɔ amapa,+ na ɔdasani ho ayɛ nã asene Ofir sika.+ 13 Enti mɛma ɔsoro ahuru kutukutu,+ na asase awoso kitikiti afiri ne sibea, asafo Yehowa abufuo nti,+ n’abufuhyeɛ da no nti.+ 14 Obiara bɛdane ne ho akɔ ne nkurɔfoɔ nkyɛn, na obiara bɛdwane akɔ n’asase+ so te sɛ wansane a wɔrepamo no, anaa nnwan a obiara mmoaboa wɔn ano.+ 15 Obiara a wɔbɛhu no no, wɔde adeɛ bɛhwire ne mu, na obiara a wɔbɛkye no bɛtɔ nkrantɛ ano.+ 16 Wɔbɛtete wɔn mma mu wɔ wɔn anim.+ Na wɔbɛfom wɔn afie ato wɔn yerenom mmonnaa.+
17 “Hwɛ, merema Mediafoɔ+ akɔ wɔn so. Wɔn deɛ, wɔmmu dwetɛ, na wɔn ani mmere sika kɔkɔɔ. 18 Wɔn agyan bɛtete mmeranteɛ mpo mu.+ Na wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,+ na wɔn ani renhu mmɔfra mmɔbɔ. 19 Babilon yɛ ahemman animuonyam,+ afɛfɛdeɛ a Kaldeafoɔ de kyerɛ wɔn ho.+ Nanso ɛbɛyɛ sɛ berɛ a Onyankopɔn kaa Sodom ne Gomora butuiɛ no.+ 20 Obiara rentena mu da,+ na ɔrennya baabi ntena, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.+ Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ remma wɔn nnwan mmutu hɔ. 21 Ɛhɔ na kwaweɛ so mmoa bɛda, na mpatuo bɛhyɛ afie a wɔbɛgya ato hɔ no mu mã.+ Nsohori de hɔ bɛyɛ wɔn fie, na adaemone mmirekyie* bɛhurihuri wɔ hɔ.+ 22 N’aban mu na sakraman bɛsu,+ na ahemfie fɛfɛ hɔ na awɔ akɛseɛ bɛtena. Ne berɛ abɛn, ne nna aduru, na wɔrentwentwɛn so.”+