Leviticus
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa ahyɛ nie:
3 “‘“Israelni biara a ɔbɛkum nantwie anaa odwan anaa abirekyie wɔ nsraban no mu anaa nsraban no akyi 4 na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan no ano+ ammɛbɔ afɔdeɛ amma Yehowa wɔ Yehowa kronkronbea no anim no, wɔbɛbu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wɔbɛtwa no afiri ne man mu.+ 5 Yei bɛma Israelfoɔ de mmoa a anka wɔbɛku wɔn wuram+ no abrɛ ɔsɔfoɔ no na ɔno nso de abrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano+ na wɔde abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa.+ 6 Afei ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete Yehowa afɔrebukyia no so+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ+ no sɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+ 7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma adaemone mmirekyie*+ a wɔne wɔn bɔ adwaman+ no bio. Yei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi soɔ daa mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”’
8 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu biara a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ anaa afɔdeɛ foforɔ bi 9 na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan no ano ammrɛ Yehowa+ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu.+
10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo a ɔbɛdi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔdi mogya no,+ na mɛtwa no afiri ne man mu. 11 Na ɔhonam biara kra wɔ mogya mu,+ na afɔrebukyia no so na mede ama mo sɛ momfa mpata+ mma mo kra, na mogya+ na wɔde pata+ ma bɔne, ɛfiri sɛ emu na ɔkra no wɔ. 12 Yei nti na maka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu ɔkra biara di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo+ biara nso di mogya.”+
13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo biara yɛ ha na ɔnya aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ ɔdi a, ɔnhwie ne mogya ngu+ mfa dɔteɛ nkata so.+ 14 Na ɔhonam biara kra ne ne mogya, ɛfiri sɛ ɔkra wɔ mogya no mu. Enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Monnni ɔhonam biara mogya, ɛfiri sɛ ɔhonam biara kra ne ne mogya.+ Obiara a ɔbɛdie no, wɔbɛtwa no atwene.”+ 15 Ɔkra biara a ɔbɛwe aboa a wawuo anaa deɛ aboa bi atete ne mu+ no, ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔde nsuo dwareɛ, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ+ ansa na ne ho ate. 16 Na sɛ wansi ne ntadeɛ annware a, ɛnneɛ ɔbɛsoa ne bɔne.’”+