19 Na ɔkaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ me Nyankopɔn anim ayɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam yi mogya+ na mennom anaa? Wɔn kra na wɔde too wɔn nsam kɔsa baeɛ.” Enti wannom.+ Yei ne adeɛ a nnɔmmarima mmiɛnsa yi yɛeɛ.
20 na mmom wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri nneɛma a abosom+ agu ho fĩ ne adwamammɔ+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya anguo+ ne mogya+ ho.
29 sɛ montwe mo ho mfiri nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya anguo+ ne adwamammɔ+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa firi yeinom ho+ a, ɛbɛsi mo yie. Asomdwoeɛ nka mo!”