1 Berɛsosɛm
11 Ɛnna Israelfoɔ+ nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron+ bɛkaa sɛ: “Hwɛ, wo dompe ne wo honam ne yɛn.+ 2 Ɛfiri tete, berɛ a Saul di hene no mpo, wo na wodii Israel anim de wɔn kɔeɛ na wode wɔn baeɛ;+ na Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wobɛdi me man Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Dawid ne wɔn yɛɛ apam Yehowa anim wɔ Hebron, na wɔsraa+ Dawid de no sii Israel so hene sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.+
4 Ɛno akyi no, Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem,+ kyerɛ sɛ, Yebusi;+ ɛhɔ na na Yebusifoɔ+ a wɔwɔ asase no soɔ teɛ. 5 Ɛnna Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woremma ha!”+ Ne nyinaa akyi no, Dawid kɔfaa Sion+ abandenden no, kyerɛ sɛ, Dawid Kuro+ no. 6 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Obiara a ɔbɛdi kan akɔto ahyɛ+ Yebusifoɔ soɔ no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsahene.” Seruia ba Yoab+ na ɔdii kan kɔeɛ, enti ɔbɛyɛɛ otitire. 7 Afei Dawid kɔtenaa baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den no.+ Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuro+ no. 8 Na ɔfirii aseɛ kyekyeree kuro no nyinaa de firi Milo* ara de twaa ho hyiaeɛ, na Yoab nso siesiee+ kuro no nkaeɛ. 9 Na Dawid yɛɛ kɛseɛ ara,+ ɛfiri sɛ asafo Yehowa dii n’akyi.+
10 Yeinom ne nnɔmmarima+ mu atitire a na wɔka Dawid ho. Wɔn na wɔne Israel nyinaa taa n’akyi dendeenden wɔ n’ahennie mu, na wɔsii no hene sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a ɔkaa no Israel ho no teɛ. 11 Dawid nnɔmmarima no din nie: Yasobeam+ a ɔyɛ Hakmonni bi ba, mmiɛnsa no so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahasa da koro.+ 12 Ahohi aseni+ Dodo ba Eleasar+ na ɔdi hɔ. Ɔka nnɔmmarima mmiɛnsa+ no ho. 13 Ɔno na na ɔka Dawid ho wɔ Pas-Damim,+ baabi a na Filistifoɔ aboaboa wɔn ano rebɛdi ako no. Ná asase bi da hɔ a atokoɔ ayɛ so ma, nanso Filistifoɔ no nti na nkurɔfoɔ no adwane afiri hɔ.+ 14 Na ɔte gyinaa asase no mfimfini ko gyeeɛ; ɔkunkum Filistifoɔ no, na Yehowa de nkonimdie+ kɛseɛ gyee wɔn.+
15 Na atitire aduasa+ no mu mmiɛnsa kɔɔ Dawid nkyɛn ɔbotan mu, Adulam+ ɔbodan no mu, berɛ a na Filistifoɔ no akyere nsraban wɔ Refaim+ asasetamaa soɔ no. 16 Saa berɛ no, na Dawid wɔ baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den+ no, na na Filistifoɔ+ asraafoɔdɔm nso wɔ Betlehem. 17 Akyire yi, biribi yɛɛ Dawid akɔnnɔ, na ɔkaa sɛ: “O sɛ anka merenya Betlehem+ kuro pono ano abura mu nsuo anom a!”+ 18 Ɛnna mmiɛnsa no bɔ wuraa Filistifoɔ nsraban no mu, na wɔkɔsaa Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo, na wɔde brɛɛ Dawid.+ Nanso Dawid annom, na mmom ɔhwie guu fam maa Yehowa.+ 19 Na ɔkaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ me Nyankopɔn anim ayɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam yi mogya+ na mennom anaa? Wɔn kra na wɔde too wɔn nsam kɔsa baeɛ.” Enti wannom.+ Yei ne adeɛ a nnɔmmarima mmiɛnsa yi yɛeɛ.
20 Yoab+ nua Abisai+ na ɔbɛyɛɛ mmiɛnsa no so panin. Ɔno na ɔtumi gyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahasa; ná ɔwɔ din sɛ mmiɛnsa no. 21 Mmiɛnsa no mu no, na ɔdi mũ sene mmienu a aka no, na ɔdii wɔn so panin; nanso wanto+ mmiɛnsa a wɔdi kan no.
22 Yehoiada+ ba Benaia,+ ɔkokoɔdurofoɔ aseni no yɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel;+ ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no. Ɔno ara nso na ɔsiane kɔkum gyata+ wɔ asubura mu da bi a sukyerɛmma tɔeɛ no. 23 Ɔbarima yi ara nso na ɔkɔkum Egyptni brane bi a ne tenten yɛ basafa nnum+ no. Ná Egyptni no kura pea+ bi a ne kɛseɛ te sɛ ntomanwemfoɔ nsadua; nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kɔhwim pea no firii ne nsam, na ɔde ne pea no kum no.+ 24 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔnyaa din nnɔmmarima mmiɛnsa no mu. 25 Ná ɔdi mũ sene aduasa no, na mmom wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no.+ Nanso Dawid sii no ankɔbeahene.+
26 Asraafoɔ no mu nnɔmmarima nie: Yoab nua Asahel,+ Betlehemni Dodo ba Elhanan,+ 27 Harorini Samot,+ Pelonni+ Heles, 28 Tekoani Ikes ba Ira,+ Anatotni+ Abiesar, 29 Husani Sibekai,+ Ahohini+ Ilai, 30 Netofani+ Maharai,+ Netofani Baanah ba Heled,+ 31 Ribai+ ba Yitai a ɔfiri Benyaminfoɔ+ kuro Gibea+ mu, Piratonni+ Benaia, 32 Hurai a ɔfiri Gaase+ subɔn no mpɔtamu hɔ, Arbatni Abiel, 33 Bahurimni+ Asmawet, Saalbonni Eliaba, 34 Gisonni Hasem mma, Hararini Sagee ba Yonatan,+ 35 Hararini Sakar+ ba Ahiam, Ur ba Elifal,+ 36 Mekeratni Hefer, Pelonni Ahiya, 37 Karmelni+ Hesro, Esbai ba Naarai, 38 Natan+ nua Yoel, Hagri ba Miba, 39 Ammonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurafoɔ, 40 Yitrini Ira, Yitrini Gareb,+ 41 Hitini+ Uria,+ Ahlai ba Sabad, 42 Rubenni Sisa ba Adina, Ruben abusuakuo mu panin a na ɔkura nnipa aduasa; 43 Maaka ba Hanan, Mitini Yosafat, 44 Astarotni Ussia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel, 45 Simri ba Yediael, ne ne nua Tisini Yoha, 46 Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, ne Moabni Yitma. 47 Eliel ne Obed ne Mesobani Yaasiel.