22 Wɔkɔfaa Negeb+ baa Hebron.+ Na Anak+ mma Ahiman, Sesai, ne Talmai+ wɔ hɔ. Wɔkyekyeree Hebron+ kuro no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan+ a ɛwɔ Egypt no.
2Ɛbaa sɛ yei akyi no, Dawid bisaa Yehowa+ sɛ: “Memforo nkɔ Yuda nkuro no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ.” Na Dawid san bisaa sɛ: “Ɛhe na memforo nkorɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Kɔ Hebron.”+