Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
11 Akyire yi, Israelfoɔ nyinaa bɛhyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkaa sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+ 2 Ɛfiri tete a Saul di hene nyinaa, wo na na wodi Israel anim de wɔn kɔ ɛko;*+ ɛnna Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wobɛdi me man Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Dawid ne wɔn yɛɛ apam Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene+ sɛdeɛ Yehowa nam Samuel so kaeɛ no.+
4 Ɛno akyi no, Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem, kyerɛ sɛ, Yebus;+ ɛhɔ na na Yebusifoɔ+ no teɛ. 5 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔte Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da!”+ Nanso, Dawid ko faa Sion abandenden+ a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kuro+ no. 6 Ná Dawid aka sɛ: “Obiara a ɔbɛdi kan akɔto ahyɛ Yebusifoɔ so no, ɔbɛyɛ ɔsahene* ne otitire.” Seruia ba Yoab+ na ɔdii kan kɔeɛ, enti ɔbɛyɛɛ ɔsahene. 7 Afei Dawid kɔtenaa abandenden no mu. Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuro no. 8 Ɔfirii aseɛ sisii adan wɔ kuro no mu ɛfiri Esie no* so de twaa ho hyiaeɛ, na Yoab nso siesiee mmeaeɛ a aka wɔ kuro no mu. 9 Enti Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na asafo Yehowa dii n’akyi.
10 Weinom ne Dawid akatakyie mu atitire. Wɔn na wɔne Israel nyinaa taa n’akyi dendeenden wɔ n’ahennie mu; wɔsii no hene sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔkaa wɔ Israel ho no teɛ.+ 11 Dawid akatakyie no din nie: Yasobeam+ a ɔyɛ Hakmoni aseni; ɔno ne mmiɛnsa no so panin.+ Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa 300 da koro.+ 12 Ahohi+ aseni Dodo ba Eleasar+ na ɔdi hɔ. Ɔka akatakyie mmiɛnsa no ho. 13 Ɔno na na ɔka Dawid ho wɔ Pas-Damim,+ faako a na Filistifoɔ aboaboa wɔn ho ano rebɛdi ako no. Ná asaase bi da hɔ a baali* ayɛ so ma, na Filistifoɔ no nti, na nkurɔfoɔ no adwane afiri hɔ. 14 Nanso ɔte gyinaa asaase no mfimfini kunkum Filistifoɔ no de bɔɔ asaase no ho ban; Yehowa maa wɔdii nkonim* kɛseɛ.+
15 Atitire 30 no mu mmiɛnsa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Adulam bodan+ no mu wɔ botan so, berɛ a na Filistifoɔ no akɔsoɛ Refaim Bɔn+ no mu.* 16 Saa berɛ no, na Dawid wɔ abandenden no mu, na na Filistifoɔ asraafoɔdɔm nso wɔ Betlehem. 17 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O menya Betlehem+ kuro pono ano abura mu nsuo a, anka mɛnom!” 18 Ɛhɔ ara na mmiɛnsa no de aniɛden bɔ wuraa Filistifoɔ asoɛeɛ no mu, na wɔkɔsaa Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo, na wɔde brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom, na mmom ɔhwie guu fam maa Yehowa. 19 Na ɔkaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ me Nyankopɔn anim ayɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn nkwa* too wɔn nsam yi mogya na mennom anaa?+ Wɔn nkwa* na wɔde too wɔn nsam kɔsa baeɛ.” Enti wannom. Wei ne deɛ n’akatakyie mmiɛnsa no yɛeɛ.
20 Yoab+ nua Abisai+ nso, na ɔyɛ mmiɛnsa foforɔ so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa 300; ná wagye din te sɛ mmiɛnsa no.+ 21 Mmiɛnsa no mu no, ɔno na na wagye din kɛse, na na ɔno ne wɔn so panin, nanso wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no.
22 Yehoiada ba Benaia+ yɛ kokoɔdurofoɔ* a ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel.+ Ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no, na da bi a na sukyerɛmma atɔ nso, ɔsiane kɔɔ abura mu kɔkum gyata bi.+ 23 Ɔno ara nso na ɔkɔkum Egyptni brane bi a ne tenten yɛ basafa nnum*+ no. Ná Egyptni no kura pea bi a ne kɛseɛ te sɛ ntomanwemfoɔ dua kɛseɛ;+ nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kɔhwim pea no firii ne nsam, na ɔde pea no kum no.+ 24 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔgyee din te sɛ akatakyie mmiɛnsa no. 25 Ná wagye din sene aduasa no mpo, nanso wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no.+ Ne nyinaa akyi, Dawid de no sii n’awɛmfoɔ so panin.
26 Asraafoɔ no mu akatakyie nie: Yoab nua Asahel,+ Betlehemni+ Dodo ba Elhanan, 27 Harorini Samot, Pelonni Heles, 28 Tekoani Ikes ba Ira,+ Anatotni Abiesar,+ 29 Husani Sibekai,+ Ahohini Ilai, 30 Netofani Maharai,+ Netofani Baanah ba Heled,+ 31 Ribai ba Yitai a ɔfiri Benyaminfoɔ+ kuro Gibea mu, Piratonni Benaia, 32 Hurai a ɔfiri Gaase+ subɔn no mpɔtamu hɔ, Arbatni Abiel, 33 Bahurimni Asmawet, Saalbonni Eliaba, 34 Gisonni Hasem mma, Hararini Sagee ba Yonatan, 35 Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal, 36 Mekeratni Hefer, Pelonni Ahiya, 37 Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai, 38 Natan nua Yoel, Hagri ba Miba, 39 Ammonni Selek, Berotni Naharai a na ɔkura Seruia ba Yoab akodeɛ; 40 Yitrini Ira, Yitrini Gareb, 41 Hitini Uria,+ Ahlai ba Sabad, 42 Rubenni Sisa ba Adina, Ruben abusuakuo mu panin ne nnipa 30 a wɔka ne ho; 43 Maaka ba Hanan, Mitini Yosafat, 44 Astarotni Ussia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel; 45 Simri ba Yediael, ne ne nua Tisini Yoha, 46 Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, ne Moabni Yitma; 47 Eliel, Obed, ne Mesobani Yaasiel.