Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
10 Ná Filistifoɔ ne Israelfoɔ reko, na Israel mmarima dwane firii Filistifoɔ no anim, na wɔn mu bebree wuwuu wɔ Gilboa Bepɔ so.+ 2 Filistifoɔ no tuu wɔn ani sii Saul ne ne mma so,* na Filistifoɔ no kum Yonatan, Abinadab, ne Malki-Sua+ a wɔyɛ Saul mma. 3 Ɛko no mu yɛɛ den maa Saul, na ɛduruu baabi no, agyantofoɔ no huu no, na wɔtoo agyan wɔɔ no piraa no.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo sekan fa ku me na momonotofoɔ* yi ammɛyɛ me aninyanneɛ.”*+ Nanso ne somfoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, ɛfiri sɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ɔgyaa ne ho kɔwɔɔ so.+ 5 Berɛ a ne somfoɔ no huu sɛ Saul awu no, ɔno nso gyaa ne ho wɔɔ ne sekan so wuiɛ. 6 Enti Saul ne ne mma mmarima mmiɛnsa ne ne fiefoɔ a wɔka ne ho nyinaa wuwuiɛ.+ 7 Berɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ asaasetraa no so* nyinaa huu sɛ obiara adwane, na Saul ne ne mma nso awuwu no, wɔdwane firii wɔn nkuro mu; ɛnna Filistifoɔ no bɛtenatenaa hɔ.
8 Adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛyiyi awufoɔ no ho nneɛma, na wɔkɔpuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔ so.+ 9 Ɛnna wɔyiyii ne ho nneɛma, na wɔtwaa ne ti faa n’akotaadeɛ,* na wɔsoma kɔɔ Filistifoɔ asaase so baabiara kɔbɔɔ wɔn abosom+ ne ɔmanfoɔ amanneɛ. 10 Afei wɔde n’akotaadeɛ no kɔguu wɔn nyame fie,* na wɔde ne tikwankoraa kɔsɛn Dagon fie.+
11 Berɛ a nnipa a wɔwɔ Yebes+ a ɛwɔ Gilead nyinaa tee deɛ Filistifoɔ de ayɛ Saul no,+ 12 akofoɔ no nyinaa sɔre kɔfaa Saul ne ne mma funu, na wɔde baa Yebes bɛsiee wɔn nnompe wɔ dupɔn a ɛwɔ Yebes+ no ase, na wɔyɛɛ akɔnkyene* nnanson.
13 Saa na ɛyɛeɛ a Saul wuiɛ ɛfiri sɛ wanni Yehowa nokorɛ, na wantie Yehowa asɛm;+ afei nso ɔkɔɔ abisa wɔ ɔdebisafoɔ hɔ+ 14 senee sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa akyiri kwan. Enti ɔkum no, na ɔde ahennie no maa Yese+ ba Dawid.