Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
12 Weinom ne mmarima a wɔbaa Dawid nkyɛn wɔ Siklag;+ wɔka mmarima akatakyie a wɔboaa no akodie mu no ho.+ Saa berɛ no, Kis ba Saul+ nti ɛnyɛ baabiara na na Dawid tumi kɔ. 2 Wɔyɛ mmarima a wɔkurakura agyan na wɔtumi de wɔn nsa nifa ne benkum nyinaa+ to ataaboɔ*+ ne agyan. Wɔn nyinaa yɛ Saul nuanom, Benyamin asefoɔ.+ 3 Gibeani+ Semaa mma Ahiesa ne Yoas na na wɔda wɔn ano; ebinom nso ne Asmawet+ mma Yesiel ne Pelet; ɛne Beraka, Anatotni Yehu, 4 Gibeonni+ Yismaia, ɔkatakyie a ɔka aduasa no ho+ na ɔsan da aduasa no ano; ɛne Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Gederani Yosabad, 5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, Harifni Sefatia; 6 ɛne Kora asefoɔ+ Elkana, Yisiya, Asarel, Yoeser ne Yasobeam; 7 ɛne Gedorni Yeroham mma Yoela ne Sebadia.
8 Gadfoɔ no bi nso dane bɛdii Dawid akyi wɔ abandenden hɔ wɔ serɛ no so;+ wɔyɛ asraafoɔ akokoɔdurofoɔ a wɔnim ko, mmarima a wɔnim sɛdeɛ wɔkura akyɛm akɛseɛ ne mpea a wɔn anim te sɛ gyata na wɔn ho yɛ hare sɛ bepɔ so adowa. 9 Eser na na ɔda wɔn ano, Obadia na ɔtɔ so mmienu, Eliab tɔ so mmiɛnsa, 10 Mismana tɔ so nnan, Yeremia tɔ so nnum, 11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson, 12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron, 13 Yeremia tɔ so du, ɛnna Makbanai tɔ so dubaako. 14 Weinom nyinaa yɛ Gad asefoɔ,+ asraafoɔ so mpanimfoɔ. Wɔn mu kumaa mpo bɛtumi ne nnipa 100 de asi ani, na wɔn mu kɛseɛ bɛtumi nnipa 1,000.+ 15 Weinom ne mmarima a bosome a ɛdi kan no wɔtwaa Yordan berɛ a na ayiri asram so; wɔpamoo wɔn a wɔtete asaasetraa no so nyinaa kɔɔ apueeɛ ne atɔeɛ.
16 Benyamin ne Yuda mmarima no bi nso baa Dawid nkyɛn wɔ n’abandenden hɔ.+ 17 Ɛnna Dawid kɔɔ wɔn anim kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ na mode baa sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ me ne mo bɛyɛ baako.* Sɛ nso mobaa ha sɛ morebɛyi me ama m’atamfo berɛ a menyɛɛ bɔne biara a, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu ho atɛn.”+ 18 Ɛnna honhom baa* Amasai,+ aduasa so panin no so, na ɔkaa sɛ:
“O Dawid, yɛyɛ wo dea, na w’afã na yɛwɔ, O Yese ba.+
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka wo boafoɔ,
Ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn ne wo boafoɔ.”+
Enti Dawid gyee wɔn, na ɔde wɔn kaa asraafoɔ mpanimfoɔ no ho.
19 Berɛ bi a Dawid ne Filistifoɔ baa sɛ wɔne Saul rebɛko no, Manase asefoɔ no bi nso dane kɔɔ Dawid afã; nanso wannya ammoa Filistifoɔ+ no, ɛfiri sɛ wɔn ahemfo tuu agyina pamoo no kaa sɛ: “Anhwɛ a ɔbɛsan akɔdi ne wura Saul akyi, na ɔde yɛn ti atwa so.”+ 20 Berɛ a ɔkɔɔ Siklag+ no, Manase asefoɔ yi na wɔdane baa n’afã: Adnah, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu, ne Siletai a wɔyɛ Manase apem apem so ahwɛfoɔ no.+ 21 Wɔboaa Dawid maa no ko tiaa akorɔmfo-werɛmfoɔ dɔm no, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa yɛ akatakyie,+ na wɔbɛyɛɛ asraafoɔ no so atitire. 22 Adeɛ rekye a adeɛ resa nyinaa na nkurɔfoɔ reba Dawid nkyɛn+ bɛboa no. Ɛyɛɛ saa ara kɔsii sɛ afei wɔbɛyɛɛ dɔm kɛseɛ te sɛ Onyankopɔn asafodɔm.+
23 Mmarima a wɔkɔ ɔsa no mu atitire a wɔbaa Dawid nkyɛn wɔ Hebron+ sɛ wɔde Saul ahennie no bɛma no sɛdeɛ Yehowa asɛm kyerɛ no+ dodoɔ nie: 24 Yuda mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne mpea no, na wɔyɛ 6,800. 25 Simeon asefoɔ no yɛ mmarima akantinka 7,100.
26 Lewi asefoɔ no yɛ 4,600. 27 Yehoiada+ na na ɔda Aaron mma no ano,+ na na nnipa 3,700 ka ne ho; 28 ebi nso ne aberanteɛ kokoɔdurofoɔ Sadok+ ne n’agyanom fiefoɔ a wɔyɛ atitire 22.
29 Saul nuanom Benyamin asefoɔ+ no, na wɔyɛ 3,000; kane no, na wɔn mu dodoɔ no ara wɛn Saul fie. 30 Efraim asefoɔ no yɛ mmarima akantinka 20,800, mmarima a wɔwɔ din wɔ wɔn agyanom abusuafie.
31 Manase abusuakuo fã nso, nnipa 18,000 na wɔbɔɔ din somaa wɔn sɛ wɔmmɛsi Dawid hene. 32 Isakar asefoɔ a wɔtumi de wɔn ani to fam hunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no yɛ atitire 200, na na wɔn nuanom nyinaa hyɛ wɔn ase. 33 Sebulon asefoɔ no, wɔn a wɔkɔ ɔsa na wɔde akodeɛ ahodoɔ nyinaa bi kɔ ɛko no yɛ 50,000; wɔn nyinaa de akoma mũ baa Dawid afã.* 34 Naftali asefoɔ no yɛ atitire 1,000, na nnipa 37,000 a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne mpea ka wɔn ho. 35 Dan asefoɔ no, wɔn a wɔkɔ ɔsa yɛ 28,600. 36 Aser asefoɔ no, wɔn a wɔkɔ ɔsa, na wɔde wɔn gyina akono yɛ 40,000.
37 Ruben ne Gad asefoɔ ne Manase abusuakuo fã a wɔwɔ Yordan agya+ no, wɔn a wɔde akodeɛ nyinaa bi kɔ ɔsa yɛ 120,000. 38 Weinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ a wɔde wɔn kɔ akono; wɔde akoma a ɛdi mu baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron sɛ wɔrebɛsi no hene wɔ Israel nyinaa so; na Israelfoɔ a aka nyinaa penee so* sɛ Dawid nni wɔn so hene.+ 39 Na wɔdii Dawid nkyɛn nnansa; wɔdidii na wɔnomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom asiesie wɔn akyi. 40 Afei nso, wɔn a wɔtete bɛn hɔ de kɔsi Isakar, Sebulon ne Naftali nyinaa de nnuane guu mfunumu, yoma, mfunumupɔnkɔ, ne anantwie so baeɛ; nnuane no bi nie: esiam nnuane, borɔdɔma a wɔabɔ no atɔatɔ, bobe paanoo, bobesa, ngo ne anantwie ne nnwan bebree; ná anigyeɛ aba Israel.