Genesis 9:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Honam ne ne kra,+ kyerɛ sɛ, ne mogya,+ nko ara na monnnie.+ Leviticus 3:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Monnni sradeɛ anaa mogya biara.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wɔ mo tenabea nyinaa.’” Leviticus 7:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Monnni anomaa anaa aboa foforɔ biara mogya. Leviticus 17:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo a ɔbɛdi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔdi mogya no,+ na mɛtwa no afiri ne man mu. Deuteronomium 12:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nanso monhwɛ na moanni mogya.+ Monhwie ngu fam sɛ nsuo.+ Deuteronomium 12:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Nanso si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra no,+ na nni ɔkra nka nam no ho. 1 Samuel 14:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Na ɔman no tu guu asadeɛ no so+ faa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkum wɔn fam, na ɔman no dii nam no wɔn mogya mu.+
17 “‘Monnni sradeɛ anaa mogya biara.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wɔ mo tenabea nyinaa.’”
26 “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Monnni anomaa anaa aboa foforɔ biara mogya.
10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo a ɔbɛdi mogya biara+ no, mɛma m’ani asã ɔkra a ɔdi mogya no,+ na mɛtwa no afiri ne man mu.
32 Na ɔman no tu guu asadeɛ no so+ faa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkum wɔn fam, na ɔman no dii nam no wɔn mogya mu.+