9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene me fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, ɛfiri sɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumuyɔsɛm a ɛte sei na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+
5 Ɛfiri sɛ monim yei, na mo ara mogye tom sɛ odwamammɔfoɔ+ anaa deɛ ɔyɛ afĩdeɛ biara anaa odifudepɛfoɔ+—a ɛkyerɛ ɔbosonsonni—nni apɛgyadeɛ biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahennie mu.+
3 Na berɛ+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ deɛ amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigyeɛ ntrasoɔ, akɔwensafoɔ fekuo, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+