2 Wɔayi anisoadeɛ bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Nkontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefoɔ sɛe adeɛ.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kɔtwa ho hyia! Mama apinisie a ɔde aba nyinaa to atwa.+
9 Na merehwanyan aman akɛseɛ asafo afiri atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wɔbɛfiri hɔ adi ne so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima deɛ; wɔn na wɔma nkurɔfoɔ hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+