12 Momma ahyɛnsodeɛ so wɔ Babilon fasuo so.+ Monhyɛ ɔwɛn no mu den.+ Momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ.+ Momma atɛfoɔ nyɛ krado. Yehowa na wabɔ ne tirim, na deɛ waka atia Babilonfoɔ no, ɔbɛyɛ.”+
27 “Momma ahyɛnsodeɛ so wɔ asase no so.+ Monhyɛne abɛn amanaman mu. Monhyira amanaman so ntia no.+ Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahennie nkɔ ne so. Momma dɔm anoboaboafoɔ so ntia no. Momma apɔnkɔ+ mmra sɛ ntutummɛ manyamanya a wɔrefu ntaban.