Dwom 98:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+Momma mo ani nnye na monto ahurisie ne ayeyi dwom.+ Dwom 126:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Saa berɛ no, sereɛ hyɛɛ yɛn afonom mã,+Na ahurisie hyɛɛ yɛn kɛtrɛma so mã.+Saa berɛ no, wɔkaa no amanaman no mu sɛ:+“Yehowa ayɛ adekɛseɛ ama wɔn.”+ Mmebusɛm 11:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ateneneefoɔ papayɛ ma ɔman ho sɛpɛ no,+ na abɔnefoɔ yera a, anigyeɛ ba.+ Yesaia 49:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+ Yeremia 51:48 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 48 “Na ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurisi dwom,+ ɛfiri sɛ asɛefoɔ no bɛfiri atifi fam aba ne so,”+ Yehowa asɛm nie. Adiyisɛm 18:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+
2 Saa berɛ no, sereɛ hyɛɛ yɛn afonom mã,+Na ahurisie hyɛɛ yɛn kɛtrɛma so mã.+Saa berɛ no, wɔkaa no amanaman no mu sɛ:+“Yehowa ayɛ adekɛseɛ ama wɔn.”+
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
48 “Na ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurisi dwom,+ ɛfiri sɛ asɛefoɔ no bɛfiri atifi fam aba ne so,”+ Yehowa asɛm nie.
20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+