Mmebusɛm 11:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ateneneefoɔ papayɛ ma ɔman ho sɛpɛ no,+ na abɔnefoɔ yera a, anigyeɛ ba.+ Yesaia 44:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 “Ɔsoro, monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔ,+ kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛ mo. Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’animuonyam adi wɔ Israel.”+ Yesaia 48:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Momfiri Babilon!+ Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn.+ Momfa anigyeɛ nto ahurisi dwom, na momma wɔnte yei.+ Momma no nnuru asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ Yesaia 49:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+ Adiyisɛm 18:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+ Adiyisɛm 19:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+
23 “Ɔsoro, monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔ,+ kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛ mo. Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’animuonyam adi wɔ Israel.”+
20 Momfiri Babilon!+ Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn.+ Momfa anigyeɛ nto ahurisi dwom, na momma wɔnte yei.+ Momma no nnuru asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+
2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+