Numeri
16 Afei Lewi+ ba Kohat+ ba Yisar+ ba Kora+ ne Eliab+ mma Datan+ ne Abiram+ ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben+ abusuakuo mu no sɔre gyinaeɛ. 2 Na wɔne Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum a wɔyɛ badwafoɔ a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose. 3 Wɔsoaa wɔn ho kɔɔ+ Mose ne Aaron so, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na moama mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”+
4 Berɛ a Mose tee saa no, ɔde n’anim butuu fam. 5 Na ɔka kyerɛɛ Kora ne ne badwafoɔ no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ deɛ ɔyɛ ne dea,+ deɛ ɔyɛ kronkron+ ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na deɛ ɔbɛyi no+ no na ɔbɛba n’anim. 6 Kora, wo ne wo badwafoɔ nyinaa+ nyɛ yei: Momfa egya kukuwa+ 7 na momfa gya ne aduhwam ngu mu mmra Yehowa anim ɔkyena, na deɛ Yehowa bɛyi no+ no, ɔno ne kronkronni. Afei deɛ, mabrɛ mo, Lewi mma!”+
8 Mose toaa so ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Lewi mma, mesrɛ mo montie. 9 Mosusu sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ara ate mo+ afiri Israel asafo yi ho sɛ monyɛ adwuma wɔ Yehowa ntomadan mu na monnyina asafo no anim nsom+ wɔn anaa? 10 Ɛyɛ ade ketewa sɛ wama wo ne wo nuanom Lewifoɔ no abɛn no? Yei nyinaa akyi no, morepɛ asɔfodie no nso aka ho?+ 11 Ɛyɛ Yehowa na wo ne wo badwafoɔ yi nyinaa asɔre atia no.+ Aaron deɛ, ɔne hwan a monwiinwii tia no?”+
12 Akyire yi Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram+ sɛ wɔmmra, nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremma baabiara!+ 13 Woapia yɛn afiri ɔman a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ serɛ so.+ Ɛnnɔɔso mma wo, afei wopɛ sɛ wodi yɛn so abakomasɛm nso?+ 14 Asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ a wokaa sɛ wode yɛn bɛba soɔ na woama yɛn mfuo ne bobeturo no wɔ he? Adɛn, wopɛ sɛ wotutu mmarima no ani anaa? Yɛremma baabiara!”
15 Mose tee saa no, ne bo fuu yie na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nhwɛ wɔn aduane afɔdeɛ.+ Mennyee wɔn afunumu baako mpo, na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne nso.”+
16 Afei Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ:+ “Wo ne wo badwafoɔ no nyinaa ne Aaron mmra Yehowa anim+ ɔkyena. 17 Obiara mfa egya kukuwa na ɔmfa aduhwam ngu so, na obiara mfa ne kukuwa mmra Yehowa anim. Ɛbɛyɛ egya nkukuwa ahanu aduonum, na wo ne Aaron nso, obiara mfa ne kukuwa mmra.” 18 Enti wɔn mu biara faa ne kukuwa de egya ne aduhwam guu mu na wɔbɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. 19 Berɛ a Kora maa asafo no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, Yehowa yii n’animuonyam adi kyerɛɛ asafo no nyinaa.+
20 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 21 “Montwe mo ho+ mfiri nkurɔfoɔ yi ho na mensɛe+ wɔn seesei ara.” 22 Wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: “Onyankopɔn, wo a woma honam nyinaa honhom,+ onipa baako bɔne nti wobɛma w’abufuo apae agu asafo yi nyinaa so?”+
23 Yehowa nso ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Ka kyerɛ asafo no sɛ, ‘Momfiri Kora ne Datan ne Abiram+ ntomadan no ho ntɛm!’”
25 Ɛnna Mose sɔre kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn, na Israel mpanimfoɔ+ ne no kɔeɛ. 26 Afei ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho, na mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara+ na wɔampra mo anka wɔn bɔne ho ankɔ.” 27 Na ntɛm ara wɔtwee wɔn ho firii Kora ne Datan ne Abiram ntomadan ho. Na Datan ne Abiram ne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma nketewa nyinaa firii adi bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano.+
28 Afei Mose kaa sɛ: “Yei na ɛbɛma moahunu sɛ Yehowa na asoma me sɛ menyɛ yeinom nyinaa,+ na ɛmfiri me:+ 29 Sɛ nnipa yi wu sɛdeɛ obiara wuo anaasɛ asotwe a nnipa nyinaa nya no bi ba wɔn so+ a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na asoma me.+ 30 Na sɛ Yehowa yɛ biribi foforɔ+ na ɔma asase bue n’anom mene wɔn+ ne deɛ wɔwɔ nyinaa ma wɔkɔ Adamena* mu anikan+ a, afei mobɛhunu ampa sɛ nnipa yi ayɛ Yehowa so aniammɔnho.”+
31 Ɔwiee kasa no ara pɛ na asase a wɔgyina soɔ no mu paeeɛ.+ 32 Afei asase no mu bueeɛ na ɛmenee wɔne wɔn fiefoɔ ne Kora ho nnipa ne wɔn agyapadeɛ nyinaa.+ 33 Enti wɔne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa wuraa asase mu. Wɔkɔɔ Adamena mu anikan, na asase kataa wɔn so+ maa wɔn ase hye firii asafo no mu.+ 34 Afei berɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee sɛ wɔreteateam no, wɔn nyinaa dwane firii hɔ kaa sɛ: “Anhwɛ a na asase amene yɛn nso!”+ 35 Na egya firi Yehowa hɔ+ bɛhyee mmarima ahanu aduonum a na wɔkurakura aduhwam no.+
36 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar sɛ ɔnyi egya nkukuwa+ no mfiri gya no mu, na si so kyerɛ no sɛ, ‘Piapia gya no firi ho ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 38 Egya nkukuwa a nnipa a wɔyɛɛ wɔn ara wɔn kra bɔne+ yi kurakura no yɛ kronkron. Wɔmmobɔ so nyɛ no ntraantraa mfa nkata afɔrebukyia no ho.+ Ɛsiane sɛ wɔde baa Yehowa anim nti, ɛyɛ ade kronkron. Ma no nyɛ sɛnkyerɛnne mma Israelfoɔ no.’”+ 39 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar faa egya nkukuwa+ a nnipa a wɔhyeeɛ no de baeɛ no na ɔbobɔɔ so de yɛɛ adeɛ a wɔde bɛkata afɔrebukyia no ho. 40 Ɛbɛyɛɛ nkaeɛ adeɛ maa Israelfoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne badwa no,+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
41 Nanso adeɛ kyeeɛ ara pɛ na Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron+ sɛ: “Mo saa nkurɔfoɔ yi na moakum Yehowa nnipa.” 42 Afei berɛ a nnipa no piaa wɔn ho baa Mose ne Aaron soɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no. Na Yehowa animuonyam pueeɛ.+
43 Afei Mose ne Aaron bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no anim.+ 44 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45 “Momfiri asafo yi mu na mentɔre wɔn ase seesei ara.”+ Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.+ 46 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Yɛ ntɛm, fa egya kukuwa na yi afɔrebukyia no so gya no bi gu so+ na fa aduhwam gu so na kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ ɛfiri sɛ Yehowa bo afu.+ Ɔhaw no afiri aseɛ!” 47 Ɛhɔ ara na Aaron kɔfaa kukuwa no, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu. Ɔduruu nnipa no mu no, na ɔhaw no afiri aseɛ dada, na ɔde aduhwam guu so pata maa ɔman no. 48 Afei ɔbɛgyinaa wɔn a wɔawuo ne wɔn a wɔnwuiɛ no ntam,+ na mmusuo no gyaeeɛ.+ 49 Nnipa a mmusuo a ɛbaeɛ yi maa wɔwuwuiɛ no nyinaa yɛ mpem dunan ne ahanson. Wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuwuiɛ no nka ho. 50 Berɛ a Aaron san baa Mose nkyɛn wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, na mmusuo no agyae.