9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ ɛfiri sɛ nnipa yi kɔn asene.+ Yehowa, fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.”+
19 Na mɛyi Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama Aaron ne ne mma+ ama wɔasom ahyiaeɛ ntomadan+ no mu ama Israelfoɔ. Na wɔbɛpata ama Israelfoɔ no na Israelfoɔ no ammɛn kronkronbea hɔ amma asiane biara anto wɔn.”+