Solomon Dwom
8 “O sɛ anka wote sɛ me nuabarima ɛ,+ deɛ ɔnom me maame nufoɔ ɛ!+ Anka mehu wo abɔnten a, mɛfe w’ano.+ Na obiara remmu me animtia. 2 Mɛdi w’anim de wo aba me maame fie,+ deɛ ɔkyerɛɛ me adeɛ no fie. Mede nsã a wɔde aduhwam afra+ bɛma wo, granate akutuo nsã foforɔ. 3 Ɔde ne nsa benkum bɛhyɛ me tiri ase, na ɔde ne nsa nifa abam me.+
4 “Yerusalem mma mmaa, meka ntam gu mo so sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.”+
5 “Ɔbaa+ bɛn na ɔfiri serɛ so reba+ a ne tiri da ne dɔfo soɔ yi?”+
“Aprɛ dua no ase na menyanee woɔ. Ɛhɔ na awoɔ kaa wo maame. Ɛhɔ na awoɔ kaa deɛ ɔkyem woo woɔ no.+
6 “Fa me to w’akoma so sɛ nsɔano,+ na ma mensi wo basa so sɛ nsɔano, ɛfiri sɛ ɔdɔ ho yɛ den sɛ owuo,+ na ne nokorɛdie*+ mu yɛ duru te sɛ Adamena*—ɛmpa aba. Ɛdɛre sɛ egya, Yah gyaframa.+ 7 Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ,+ na asubɔnten mpo ntumi nhohoro ngu.+ Sɛ obi de ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a, ɛbɛyɛ adehunu bi wɔ nnipa ani so.”
8 “Yɛwɔ nuabaa+ kumaa bi a ɔmmobɔɔ nufoɔ. Da a obi bɛbisa n’ase no, ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi?”
9 “Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,+ yɛde dwetɛ bɛto abantenten asi ne so, na sɛ ɔyɛ ɛpono a,+ yɛde tweneduro ntaaboɔ bɛbram ne ho.”
10 “Meyɛ ɔfasuo na me nufo te sɛ abantenten.+ Enti ɔhu me sɛ deɛ n’asom adwo no.
11 “Ná Solomon wɔ bobeturo+ bi wɔ Baal-Hamon. Ɔde maa ahwɛfoɔ.+ Na sɛ wɔte so aba a, wɔn mu biara de nnwetɛbena apem ba.
12 “Me bobeturo no yɛ me dea, na ɛwɔ hɔ ma me. Apem no yɛ wo dea, Solomon, na ahanu yɛ wɔn a wɔhwɛ soɔ no dea.”
13 “Wo a wote nturo mu,+ wo mfɛfoɔ retie wo. Ma me nso mente wo nne ɛ.”+
14 “Me dɔfo, tu mmirika na yɛ sɛ ɔwansane anaa ɔforoteɛ ba wɔ nnuhwam mmepɔ so.”+