Solomon Dwom
7 “O ababaa yamyɛfoɔ,+ hwɛ sɛdeɛ wo nan ne mpaboa yɛ fɛ fa!+ Wo srɛ te sɛ agudeɛ,+ odwumfoɔ nsa ano adwuma. 2 Wo funuma yɛ koraa kurukuruwa a afrasa+ rempa mu da. Wo yafunu te sɛ ayuo akuakuo a wɔde sukooko agye ho ban.+ 3 Wo nufo mmienu te sɛ awansammereɛ nkumaa a wɔyɛ nta.+ 4 Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asommɛn atoɔ. W’ani mma+ te sɛ Hesbon+ atadeɛ wɔ Bat-Rabim pono ano. Na wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛhwɛ Damasko. 5 Wo tiri a ɛsi wo kɔn soɔ te sɛ Karmel,+ na wo tiri nwi+ a ɛgu w’akyi te sɛ tankɔkɔɔ+ a ɛfa ɔhene dommum.+ 6 M’awuraa, wo ho yɛ fɛ na wo ho yɛ anika sene biribiara a ɛdwodwo akoma!+ 7 Wosi pi sɛ abedua,+ na wo nufo+ te sɛ adɔbɛ aba. 8 Mekaa sɛ, ‘Mɛforo abedua akɔsɔ ne mpapa mu.’+ Enti mesrɛ wo, ma wo nufo nyɛ sɛ bobe sia na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ, 9 na wo dodom nyɛ sɛ nsã pa,+ nsã a ɛkɔ yɔɔ+ ma me dɔfo, a ɛsɔne gu wɔn a wɔada anom.”
10 “Mewɔ hɔ ma me dɔfo,+ na wanhu me a ɔntumi ntena.+ 11 Me dɔfo, bra ma yɛnkɔ wuram;+ ma yɛnkɔsoɛ lele+ nnua ase. 12 Ma yɛnsɔre anɔpahema nkɔ bobeturom, nkɔhwɛ sɛ bobe afefɛ+ na apae nhwiren+ anaa, na granate akutuo nso agu nhyerɛnee.+ Na ɛhɔ na mɛsane me dɔ mu akyerɛ woɔ.+ 13 Dudayim+ nnuaba hwa agye baabiara, na nnuaba pa nyinaa bi wɔ yɛn apono ano.+ Foforɔ ne dada nyinaa mede asie ama wo, me dɔfo.