Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora+ mma dwom. Ayeyi dwom.
49 Aman nyinaa, montie.
Mo a mowɔ wiase+ nyinaa, monyɛ aso,
2 Adasamma ne nnipa mma nyinaa,
Adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.+
6 Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ soɔ,+
Na wɔde wɔn ahonyadeɛ bebree hoahoa wɔn ho no,+
7 Wɔn mu biara ntumi nnye onua,+
Na ɔrentumi mma Onyankopɔn mpatadeɛ mfa nnye no;
Enti wɔrentumi ntua da)
9 Na ama no atena ase daa a ɔnhunu damena.+
10 Ɔhunu sɛ anyansafoɔ mpo wuwu,+
Wɔne nkwaseafoɔ ne deɛ ɔnni adwene nyinaa sɛe,+
Na wɔgya wɔn ahonyadeɛ ma ebinom.+
11 Wɔn akoma mu no, wɔnyaeɛ a, anka wɔn afie wɔ hɔ daa,+
Na wɔn ntomadan nso wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
Wɔde wɔn din atoto wɔn nsase so.+
13 Ɛkwan a agyimfoɔ fa soɔ nie,+
Na saa na wɔn a wɔdi wɔn akyi ba a wɔpɛ wɔn anom asɛm no nso teɛ. Sela.
14 Wɔte sɛ nnwan a wɔayi wɔn ama Adamena;*+
Owuo na ɛbɛyɛn wɔn;+
Teefoɔ na wɔbɛdi wɔn so anɔpa,+
Na wɔn nipadua bɛsɛe;+
Adamena na ɛbɛyɛ wɔn mu biara tenabea, na ɛnyɛ bea a ɛkorɔn.+