Dwom 39:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Onipa nam sɛ sunsum.+Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+Ɔboaboa ahodeɛ ano, nanso ɔnnim deɛ ɛbɛkɔ akɔdi ne nsam.+ Mmebusɛm 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ahonyadeɛ so remma mfasoɔ abufuo da,+ na tenenee na ɛbɛgye onipa afiri owuo mu.+ Mmebusɛm 23:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ.+ Mfa wo ho nto wo nteaseɛ so.+ Ɔsɛnkafoɔ 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na me deɛ, metanee adwuma a mebrɛ yɛɛ no owia ase nyinaa,+ sɛ merebɛgya ama onipa a ɔbɛdi m’akyi aba.+ Yeremia 17:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Deɛ ɔnya ne ho nanso ɔnnya no tenenee soɔ no,+ ɔte sɛ akokɔhwedeɛ a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ ano; ɔbɛbu ne nna mu fã na wagya biribiara,+ na awieeɛ no, ɔbɛyɛ kwasea.”+ Luka 12:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo a wonni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afiri wo nsam.+ Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+
6 Onipa nam sɛ sunsum.+Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+Ɔboaboa ahodeɛ ano, nanso ɔnnim deɛ ɛbɛkɔ akɔdi ne nsam.+
18 Na me deɛ, metanee adwuma a mebrɛ yɛɛ no owia ase nyinaa,+ sɛ merebɛgya ama onipa a ɔbɛdi m’akyi aba.+
11 Deɛ ɔnya ne ho nanso ɔnnya no tenenee soɔ no,+ ɔte sɛ akokɔhwedeɛ a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ ano; ɔbɛbu ne nna mu fã na wagya biribiara,+ na awieeɛ no, ɔbɛyɛ kwasea.”+
20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo a wonni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afiri wo nsam.+ Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+