Hesekiel
32 Na afe a ɛtɔ so dumienu, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twa Egypt hene Farao ho kwadwom na ka kyerɛ no sɛ, ‘Wote sɛ amanaman mu gyata, nanso wɔama woayɛ dinn.+
“‘Na wote sɛ asuboa kɛseɛ wɔ po mu,+ na wohurihuri wɔ wo nsuo mu de wo nan hono nsuo no yɛ no fĩ.’
3 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma aman pii asafo atrɛ m’atena+ mu agu wo so, na wɔde m’asau+ bɛyi wo. 4 Mɛgya wo ato asase so na mato wo atwene wuram.+ Mɛma wiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na mama asase nyinaa so mmoa adi wo nam amee.+ 5 Mede wo nam bɛto mmepɔ so na mede wo funu ahyɛ abɔn mã.+ 6 Na mɛma asase anom wo ho nsuo, wo mogya,+ wɔ mmepɔ so; na deɛ ɛsɔne firi wo mu no bɛhyɛ nsubɔn mã.’
7 “‘Sɛ mema wodum a, mɛkata ɔsoro na mama ne nsoromma ayɛ tumm. Mede mununkum bɛkata awia so na bosome renhyerɛn+ bio. 8 Mɛma ɔsoro nkanea nyinaa ayɛ tumm wɔ wo so na w’asase aduru sum,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
9 “‘Mɛhuru aman pii bo berɛ a mede wo man kɔ nkoasom mu wɔ amanaman mu, nsase a wonnim soɔ no so.+ 10 Wo nti mɛma aman pii ho adwiri wɔn,+ na wɔn ahemfo bɛbɔ hu berɛ a mehim me nkrantɛ wɔ wɔn anim no,+ na da a wobɛhwe aseɛ no wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa, wɔn mu biara kra nti.’+
11 “Na deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Babilon hene nkrantɛ bɛba wo so.+ 12 Na mɛma akatakyie, atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman soɔ nyinaa,+ de wɔn nkrantɛ akunkum wo dɔm, na wɔbɛsɛe Egypt ahantan na wɔatɔre ne dɔm nyinaa ase.+ 13 Na mɛsɛe n’afieboa nyinaa afiri nsuo pii ho,+ na onipa nan renhono+ no bio, na afieboa mpo nan renhono no.’
14 “‘Saa berɛ no, mɛma wɔn nsuo ani ate, na wɔn nsubɔnten asene sɛ ngo,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
15 “‘Sɛ mema Egypt asase dane amamfõ na deɛ ama asase no so ayɛ mã nyinaa sɛe+ na mekunkum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.+
16 “‘Yei ne kwadwom a nnipa bɛtwa. Aman hodoɔ so mmaa bɛtwa; wɔbɛtwa Egypt ne ne dɔm nyinaa ho kwadwom,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
17 Na afe a ɛtɔ so dumienu, bosome no da a ɛtɔ so dunum no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, twa Egypt dɔm ho agyaadwoɔ na ma wɔne aman akɛseɛ so nnipa nsiane nkɔ fam,+ asase ase tɔnn;+ ma wɔnka wɔn a wɔrekɔ amena mu+ no ho.
19 “‘Hwan na wo ho yɛ fɛ sene no?+ Siane kɔ fam kɔda momonotofoɔ nkyɛn!’+
20 “‘Wɔbɛtotɔ wɔn a nkrantɛ akunkum wɔn no mfimfini.+ Na wɔde no ama nkrantɛ, enti montwe ɔne ne dɔm nyinaa nkɔ.
21 “‘Akatakyie no mu atitire bɛfiri Adamena* mu akasa akyerɛ ɔne n’aboafoɔ.+ Wɔbɛsiane akɔ fam tɔnn+ akɔdeda hɔ te sɛ momonotofoɔ a nkrantɛ akunkum wɔn. 22 Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ.+ Wɔn adamena* atwa ne ho ahyia. Wɔakunkum wɔn nyinaa, wɔatotɔ nkrantɛ ano.+ 23 Na wɔabɔ n’ada wɔ amena mu tɔnn,+ na n’asafo atwa n’adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa atotɔ nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asase so.
24 “‘Elam+ ne ne dɔm a wɔtotɔɔ nkrantɛ ano no nyinaa atwa n’adamena ho ahyia, na wɔkɔɔ asase ase tɔnn wɔ wɔn momonoto mu. Yeinom na wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asase soɔ, na wɔne wɔn a wɔkɔ amena mu no nyinaa anim bɛgu ase.+ 25 Wɔde ne mpa asi atɔfoɔ mfimfini,+ na ɛwɔ ne dɔm mu. Na wɔn adamena atwa ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔtotɔɔ nkrantɛ ano,+ ɛfiri sɛ wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asase so; na wɔne wɔn a wɔkɔ amena mu no nyinaa anim bɛgu ase. Atɔfoɔ mu na wɔde no toeɛ.
26 “‘Ɛhɔ na Mesek+ ne Tubal+ ne ne dɔm nyinaa wɔ. Na wɔn adamena atwa ne ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ ahwire wɔn mu, ɛfiri sɛ wɔama ehu aba ateasefoɔ asase so. 27 Wɔrenna akatakyie no nkyɛn,+ momonotofoɔ a wɔatotɔ a wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Adamena mu tɔnn no mu anaa? Wɔde wɔn nkrantɛ bɛhyehyɛ wɔn tiri ase na wɔn bɔne aba wɔn nnompe so,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ akatakyie a wɔmaa ehu baa ateasefoɔ asase soɔ.+ 28 Na wo deɛ, wɔbɛbubu wo wɔ momonotofoɔ mu, na wo ne wɔn a wɔtotɔɔ nkrantɛ ano no akɔda.
29 “‘Ɛhɔ na Edom+ ne n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa wɔ. Na berɛ a wɔda so ara di tumi no wɔde wɔn kaa wɔn a nkrantɛ akunkum wɔn+ no ho; na wɔbɛda momonotofoɔ+ ne wɔn a wɔrekɔ amena mu no nkyɛn.
30 “‘Ɛhɔ na atifi fam aberempɔn ne Sidonfoɔ+ nyinaa wɔ. Yeinom na wɔn ho hu ne wɔn tumi nyinaa akyi, wɔne atɔfoɔ siane kɔ fam tɔnn wɔ aniwuo mu no. Na wɔbɛda wɔn a nkrantɛ akunkum wɔn no nkyɛn wɔ wɔn momonoto mu, na wɔde wɔn animguaseɛ bɛka wɔn a wɔrekɔ amena mu no ho akɔ.+
31 “‘Farao bɛhunu yeinom na ne werɛ akyekyere, ne dɔm nyinaa nti.+ Na wɔde nkrantɛ bɛkunkum Farao ne n’asraafoɔdɔm nyinaa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
32 “‘Ɔmaa ne ho hu baa ateasefoɔ asase so,+ enti wɔde no bɛto momonotofoɔ mfimfini, wɔn a nkrantɛ akunkum wɔn mu, Farao ne ne dɔm nyinaa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”