Mmebusɛm
9 Nyansa+ asi ne fie;+ wasisi n’adum nson. 2 Wakum ne mmoa; wafra ne nsa; afei nso wasiesie ne pono.+ 3 Wasoma ne mmaawa sɛ wɔnkɔgyina kuro no mu baabi a ɛwɔ soro nteam sɛ: 4 “Deɛ wagyimi biara, ɔmmane ha.”+ Deɛ ɔnni tire+ biara—ɔka kyerɛ no sɛ: 5 “Mommra mmɛdi m’aduane na monnom nsa a mafra no bi.+ 6 Monnyaa agyimfoɔ na monnyini nkyɛ,+ na monnante nteaseɛ kwan so tee.”+
7 Deɛ ɔtene ɔfɛdifoɔ soɔ no nya animguaseɛ,+ na deɛ ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefoɔ no—asɛm ba ne ho.+ 8 Nka ɔfɛdifoɔ anim, na wantan wo.+ Kasa kyerɛ onyansafoɔ, na ɔbɛdɔ wo.+ 9 Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa.+ Ma ɔteneneeni nimdeɛ, na ɔbɛsua adeɛ pii.
10 Yehowa suro ne nyansa mfitiaseɛ,+ na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nteaseɛ.+ 11 Me na mɛma wo nna adɔɔso,+ na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.+ 12 Sɛ wohunu nyansa a wohunu fa;+ na sɛ wodi fɛ a, wo nko ara na wobɛsoa.+
13 Ɔbaa kwasea yɛ hagyahagya.+ Ɔyɛ tibɔnkɔso a ɔnnim hwee.+ 14 Ɔtena adwa so wɔ ne fie kwan ano, kuro no mu baabi a ɛwɔ soro,+ 15 ɔfrɛ wɔn a wɔnam kwan soɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee no+ sɛ: 16 “Deɛ wagyimi biara, ɔmmane ha.”+ Deɛ ɔnni tire+ biara nso—ɔka kyerɛ no sɛ: 17 “Nsuo a wɔwia yɛ dɛ,+ na aduane a wɔdi no ahuntaeɛ mu—ɛyɛ dɛ sɛ.”+ 18 Nanso onipa no nnim sɛ awufoɔ wɔ hɔ, na Adamena* bunu mu na wɔn a ɔfrɛ wɔn no wɔ.+