9 Nyansa asi ne fie;
Wasene n’adum nson.
2 Wayɛ ne nam ho adwuma nyinaa awie;
Wafra ne nsã;
Afei nso, wahyehyɛ ne pono no so awie.
3 Wasoma ne mmaawa sɛ
Wɔnkɔgyina baabi a ɛwɔ soro wɔ kuro no mu, na wɔnteam sɛ:+
4 “Deɛ wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”
Ɔka kyerɛ deɛ ɔnnim nyansa sɛ:
5 “Mommra, mommɛdi m’aduane,
Na monnom nsã a mafra no bi.
6 Monnyae mo agyimisɛm no, na monnya nkwa;+
Monnante nteaseɛ kwan no so nkɔ mo anim.”+
7 Deɛ ɔtene fɛdifoɔ so no, ɔfrɛfrɛ animguaseɛ,+
Na obiara a ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefoɔ no, ɔbɛpira.
8 Nkasa nkyerɛ fɛdifoɔ, na ɔbɛtan wo.+
Kasa kyerɛ onyansafoɔ, na ɔbɛdɔ wo.+
9 Tu onyansafoɔ fo, na ne nyansa bɛdɔɔso.+
Kyerɛkyerɛ ɔteneneeni, na ɔbɛsua adeɛ pii.
10 Yehowa suro ne nyansa mfitiaseɛ,+
Na Ɔkronkronni+ no ho nimdeɛ ne nteaseɛ.
11 Me na mɛma wo nna ayɛ bebree,+
Na mfeɛ a wode bɛtena nkwa mu no adɔɔso.
12 Sɛ wohunu nyansa a, wo ara na nyansa no bɛboa wo,
Na sɛ wodi fɛ a, wo nko ara na wobɛsoa.
13 Ɔbaa kwasea kasa dodo.+
Ne tiri awu; ɔnnim hwee.
14 Ɔte ne fie kwan ano,
Ɔte akonnwa so wɔ baabi a ɛwɔ soro wɔ kuro no mu,+
15 Ɔteam frɛ wɔn a wɔretwam,
Wɔn a wɔnam wɔn kwan so tẽẽ no sɛ:
16 “Deɛ wagyimi biara, ma no mmra ha.”
Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnnim nyansa sɛ:+
17 “Nsuo a wɔawia yɛ dɛ,
Na aduane a wɔdi no ahintaeɛ mu yɛ dɛ.”+
18 Nanso wɔnnim sɛ awufoɔ wɔ hɔ, wɔn a wɔntumi nyɛ hwee no,
Na Adamena mu tɔnn na wɔn a wɔkɔ ne nkyɛn no wɔ.+