Yesaia
57 Ɔteneneeni ayera,+ nanso ɛmfa obiara ho.+ Owuo afa nnipa pa kɔ,+ na obiara nnwene ho sɛ mmusuo a ɛbɛba nti na wɔafa ɔteneneeni kɔ.+ 2 Ɔhyɛn asomdwoeɛ mu;+ wɔhome+ wɔn mpa so,+ deɛ ɔnam tẽẽ biara.+
3 “Ɔbaa sumanni mma,+ ɔwaresɛefoɔ ne ɔbaa dwamanfoɔ asefoɔ,+ montwe mmɛn:+ 4 Hwan na mokyerɛ mo ho kyerɛ no yi?+ Hwan so na moatɛɛtɛɛ mo anom, na moatwetwe mo kɛtrɛma yi?+ Monyɛ bɔne mma ne atorɔ asefoɔ,+ 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛseɛ ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wɔkum mmɔfra wɔ abɔn mu, abotan mu ntokuro mu anaa?+
6 “Nsubɔn mu aboɔ torotorɔ ne wo kyɛfa.+ Na ɛno na wonyaeɛ.+ Afei woguu nsã wɔ so,+ na wode ayɛyɛdeɛ bɛguu so. Menka m’akoma nto me yam wɔ yeinom ho anaa?+ 7 Mmepɔ atenten a ɛkorɔn so na wode wo mpa siiɛ.+ Na ɛhɔ nso wobɔɔ afɔdeɛ.+ 8 Wode wo nkaeɛdum sii ɛpono ne aponnwa akyi.+ Wofiri m’akyi yii wo ho kyerɛeɛ na woforoeɛ; wotrɛɛ wo mpa mu.+ Wo ne wɔn yɛɛ apam maa wo kɔn dɔɔ wɔn mpa.+ Na wohunuu wɔn barima. 9 Wode ngo siane kɔɔ Melek, na womaa wo sradehwam dɔɔso.+ Wotuu abɔfoɔ kɔɔ akyirikyiri, na woguu w’anim ase kɔɔ Adamena* mu.+ 10 Wobrɛɛ w’akwan dodoɔ mu.+ Na woanka sɛ: ‘Ɛyɛ ɔbrɛ hunu!’ Wo nsa asan aka wo tumi.+ Na ɛno nti na wonyareeɛ.+
11 “Hwan na ne ho yɛ wo hu na wosuro no+ a woafiri aseɛ redi atorɔ yi?+ Nanso woankae me.+ Na woamfa w’akoma ansi hwee so.+ Manyɛ komm amfa nsɛm ansie anaa?+ Enti woansuro me.+ 12 Me ara mɛka wo tenenee+ ne wo nnwuma akyerɛ,+ na ɛso remma wo mfasoɔ.+ 13 Sɛ wosu hwehwɛ mmoa a, deɛ woaboa ano no rennye wo,+ na mframa bɛhu ne nyinaa akɔ.+ Hwenem mframa kɛkɛ de ne nyinaa bɛkɔ, nanso obiara a ɔdwane toa me+ no bɛnya asase no adi na watena me bepɔ kronkron so.+ 14 Na ɔbɛka sɛ, ‘Momma kwan, momma kwan! Monsiesie kwan mu.+ Monyi akwansideɛ biara mfiri me man kwan mu.’”+
15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ deɛ ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm nie: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne deɛ wabubuo na ne honhom abrɛ aseɛ na ɛteɛ,+ sɛ mɛma abrɛfoɔ honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya ahoɔden.+ 16 Merenni asie nkɔsi daa na me bo remfu afebɔɔ,+ ɛfiri sɛ me nti nnipa honhom bɛhodwo,+ abɔdeɛ a wɔhome a mayɛ wɔn nyinaa.+
17 “N’amumuyɔ mu mfaso bɔne+ nti, me bo fuiɛ. Abufuo nti mebɔɔ no na mede m’anim huntaeɛ.+ Nanso ɔdii n’akoma akyi bɔɔ ko.+ 18 Mahunu n’akwan nyinaa; mesaa no yareɛ+ na mekyerɛɛ no kwan,+ na mekyekyeree ɔne wɔn a wɔredi awerɛhoɔ+ no werɛ.”+
19 Yehowa aka sɛ: “Merebɔ anofafa aba.+ Deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn bɛnya asomdwoeɛ daa,+ na mɛsa no yareɛ.”+
20 “Nanso abɔnefoɔ deɛ, wɔte sɛ po a ɛrebu fa soɔ a ɛntumi nyɛ komm, na emu nsuo pu wura ne atɛkyɛ ba. 21 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ,”+ me Nyankopɔn na aka.