Exodus 4:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hwan na ɔyɛ mum anaa sotifoɔ anaa deɛ ɔhunu adeɛ anaa nifirani? Ɛnyɛ me Yehowa?+ Hosea 14:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Momfa nsɛm mmra Yehowa nkyɛn.+ Monka nkyerɛ no sɛ, ‘Fa bɔne firi+ na gye papa, na yɛde yɛn ano bɛbɔ anantwinini afɔdeɛ.+ Luka 21:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 na mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ nguo.+ Romafoɔ 10:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na akoma+ na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka+ kɔ nkwagyeɛ mu. Hebrifoɔ 13:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Momma yɛmfa ne so mmɔ Onyankopɔn ayeyie afɔdeɛ+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ badwam+ no.
11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hwan na ɔyɛ mum anaa sotifoɔ anaa deɛ ɔhunu adeɛ anaa nifirani? Ɛnyɛ me Yehowa?+
2 Momfa nsɛm mmra Yehowa nkyɛn.+ Monka nkyerɛ no sɛ, ‘Fa bɔne firi+ na gye papa, na yɛde yɛn ano bɛbɔ anantwinini afɔdeɛ.+
15 Momma yɛmfa ne so mmɔ Onyankopɔn ayeyie afɔdeɛ+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ badwam+ no.