16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
25 Enti ɔhwiee n’anibereɛ, n’abufuo ne ɛko mu abufuhyeɛ guu ne so.+ Na ɛdɛre twaa ne ho hyiaeɛ,+ nanso wanhunu;+ ɛhyee no, nanso wamfa anhyɛ n’akomam.+
2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.