Amos
9 Mehunuu sɛ Yehowa gyina afɔrebukyia no atifi,+ na ɔkaa sɛ: “Bɔ adum no atifi ma apono no ase nwoso, na bubu ne nyinaa ti.+ Na mede nkrantɛ bɛkum wɔn a wɔbɛka no. Deɛ ɔredwane no rennya adwaneyɛ, na deɛ ɔrebɔ ne ho adwaa no rennya ne ho ntete.+ 2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a, me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;+ na sɛ wɔkɔ soro a, mɛtwe wɔn aba fam.+ 3 Sɛ wɔkɔhunta Karmel atifi a, mɛhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afiri hɔ.+ Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhyɛ po ase a,+ mɛma ɔwɔ akɔ hɔ akɔkeka wɔn. 4 Na sɛ wɔkɔ nkoasom mu wɔn atamfo anim a, mɛma nkrantɛ akɔkunkum wɔn wɔ hɔ.+ Na mede m’ani bɛsi wɔn so ama no awie wɔn bɔne, ɛnyɛ papa.+ 5 Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa de ne nsa ka asase no ma no nane;+ na ɛsofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ;+ ɛbɛyiri sɛ Nil na atwetwe sɛ Egypt Nil.+
6 “‘Deɛ ɔyɛ n’atwedeɛ wɔ soro+ na ɔde ne dan tim asase atifi,+ deɛ ɔfrɛ po+ mu nsuo hwie gu asase soɔ no+—Yehowa ne ne din.’+
7 “‘O Israelfoɔ, monte sɛ Kusfoɔ wɔ m’ani so anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Manyi Israel amfiri Egypt asase so,+ na Filistifoɔ+ amfiri Kreta, na Siriafoɔ nso amfiri Kir+ anaa?’
8 “‘Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa ani wɔ ahennie bɔne no so,+ na ɔbɛsɛe no afiri asase so.+ Nanso merensɛe Yakob fie korakora,’+ Yehowa asɛm nie. 9 ‘Hwɛ, mede ahyɛdeɛ bɛma, na mɛhuhu Israel fie so wɔ aman nyinaa mu+ sɛdeɛ obi de huhuamoa huhu ayuo soɔ no, na aba bi rentɔ fam. 10 Me man mu abɔnefoɔ nyinaa bɛwuwu wɔ nkrantɛ ano,+ wɔn a wɔka sɛ: “Mmusuo biara rento yɛn, na ɛremmɛn yɛn”+ no.’
11 “‘Saa da no mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no so agyina hɔ+ na matuatua wɔn mu ntokuro. Mɛma n’amamfõ so agyina hɔ na makyekyere sɛ tete nna no,+ 12 na wɔbɛfa Edom+ nkaeɛ ne aman a me din da wɔn soɔ nyinaa+ adi so,’ Yehowa a ɔreyɛ yei no asɛm nie.
13 “Yehowa asɛm nie, ‘Hwɛ, nna bi reba a deɛ ɔfɛntɛm bɛsiane deɛ ɔtwa ho,+ na deɛ ɔkyĩ bobe bɛsiane deɛ ɔgu aba ho;+ mmepɔ bɛsosɔ nsã dɔkɔdɔkɔ+ na nkokoɔ nyinaa anane.+ 14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+
15 “‘Na mede wɔn bɛdua wɔn asase so, na wɔrentu wɔn mfiri asase a mede ama wɔn no so bio,’+ Yehowa wo Nyankopɔn na aka.”