3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
25 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afei deɛ, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibereɛ bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+