Genesis
37 Yakob deɛ, ɔkɔɔ so tenaa Kanaan+ asase a ne papa kɔsoɛɛ soɔ+ no so.
2 Yakob ho nsɛm nie.
Berɛ a Yosef+ dii mfeɛ dunson no, na ɔne ne nuanom rehwɛ nnwan;+ ná ɔyɛ aberantewaa a ɔne ne papa yerenom Bilha+ ne Silpa+ mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛkaa wɔn nneyɛɛ bɔne ho asɛm kyerɛɛ wɔn papa.+ 3 Ná Israel dɔ Yosef sene ne mma no nyinaa,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba, na ɔpam atade tenten a nsensaneeɛ wom maa no.+ 4 Na berɛ a ne nuanom hunuu sɛ wɔn papa dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan,+ na na wɔntumi ne no nkasa abodwoɔ so.+
5 Akyire yi Yosef soo daeɛ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom no,+ na ɛno maa wɔtan no kɛse koraa. 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, montie daeɛ a maso yi.+ 7 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ na yɛwɔ wuram rekyekyere ayuo atifi atifi. Afei m’ayuo no sɔre gyinaeɛ na mo deɛ no twaa me deɛ no ho hyiaeɛ na ɛkotoo no.”+ 8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wobɛyɛ ɔhene yɛn so?+ Anaa wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wobɛdi yɛn so?”+ Ne daeɛ yi ne nsɛm a ɔkaeɛ no maa wɔtan no senee kane no.
9 Ɛno akyi no, ɔsoo daeɛ foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso daeɛ foforɔ, na mehunuu sɛ awia ne bosome ne nsoromma dubaako rekoto me.”+ 10 Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ:+ “Daeɛ a woaso yi kyerɛ sɛn? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ me ne wo maame ne wo nuanom bɛkoto fam w’anim anaa?” 11 Afei ne nuanom no ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.+
12 Ɛbaa sɛ berɛ bi ne nuanom de wɔn papa nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem mpɔtamu baabi.+ 13 Akyire yi Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo nuanom rehwɛ nnwan wɔ Sekem mpɔtamu hɔ. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Na ɔbuaa sɛ: “Mate, mɛkɔ!”+ 14 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ na kɔhwɛ sɛdeɛ wo nuanom ne mmoa no ho teɛ, na bɛka kyerɛ me.”+ Enti ɔsomaa no firii Hebron+ Bɔn mu kɔɔ Sekem. 15 Akyire yi ɔbarima bi hunuu sɛ wayera nenam wuram baabi. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na worehwehwɛ no ha?” 16 Ɔbuaa sɛ: “Merehwehwɛ me nuanom. Mesrɛ wo, kyerɛ me baabi a wɔrehwɛ nnwan no.” 17 Ɔbarima no kaa sɛ: “Wɔafiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tĩĩ ne nuanom, na ɔhunuu wɔn wɔ Dotan.
18 Wɔhunuu no akyirikyiri sɛ ɔreba, na ɛhɔ ara na wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛfa kwan bi so aku no.+ 19 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Monhwɛ, daeɛsofoɔ no na ɔreba no!+ 20 Momma yɛnku no nto abura yi bi mu,+ na yɛnkɔka sɛ aboa bi akye no,+ na yɛnhwɛ deɛ ne daeɛ no bɛkɔ akɔsie.” 21 Berɛ a Ruben teeɛ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye no afiri wɔn nsam.+ Enti ɔkaa sɛ: “Mommma yɛnnku no.”+ 22 Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnhwie mogya nngu.+ Momfa no nto abura bi mu wɔ serɛ so ha, na mommfa mo nsa nnka no.”+ Ná n’adwene nyinaa ne sɛ ɔbɛgye no afiri ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa.
23 Enti Yosef duruu ne nuanom nkyɛn ara pɛ na wɔworɔɔ n’atade tenten no, deɛ nsensaneeɛ wom a ɛhyɛ no no;+ 24 afei wɔde no too abura no mu.+ Saa berɛ no na hwee nni abura no mu; na nsuo nni mu.
25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi.+ Na berɛ a wɔmaa wɔn ani soɔ no, wɔhunuu sɛ Ismaelfoɔ+ akwantufoɔ bi firi Gilead reba a wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhwam ne akyenkyennuro+ a wɔde rekɔ Egypt. 26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yɛku yɛn nua yi kata ne mogya so a,+ mfasoɔ bɛn koraa na yɛbɛnya? 27 Hwɛ, momma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ yi,+ na mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no.+ Ɛyɛ deɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua, yɛn honam.” Enti wɔtiee wɔn nua no.+ 28 Na berɛ a Midianfoɔ adwadifoɔ no retwam no,+ wɔyii Yosef firii abura+ no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu.+ Na wɔde Yosef kɔɔ Egypt.
29 Akyire yi Ruben baa abura no ho, nanso na Yosef nni abura no mu. Ɔhunuu saa no, ɔsuanee n’atadeɛ mu.+ 30 Berɛ a ɔsan baa ne nuanom nkyɛn no, ɔteaam sɛ: “Abɔfra no nni hɔ! Ɛdeɛn na mɛyɛ?”+
31 Afei wɔfaa Yosef atadeɛ no, na wɔkum ɔpapo de atadeɛ no bɔɔ mogya no mu.+ 32 Na wɔmaa wɔde atade tenten a nsensaneeɛ wom no kɔmaa wɔn papa kaa sɛ: “Yɛbɛhunuu atadeɛ yi wɔ baabi. Hwɛ+ sɛ ɛyɛ wo ba no atadeɛ anaa.”+ 33 Na ɔdanedanee atadeɛ no hwɛeɛ, na ɔteaam sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi akye no awe!+ Ɛbɛyɛ sɛ watete Yosef mu!”+ 34 Ɛnna Yakob suanee n’atadeɛ mu na ɔde atweaatam sii n’asene suu ne ba no nna pii.+ 35 Ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ,+ nanso wamma kwan, na ɔkaa sɛ:+ “Mede awerɛhoɔ bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Adamena* mu!” Na ne papa kɔɔ so ara suu no.
36 Nanso Midianfoɔ no kɔtɔn no Egypt maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanimfoɔ no baako,+ awɛmfoɔ so panin no.+