Adiyisɛm
6 Na mehunuu sɛ Adwammaa+ no ate nsɔano nson no baako ano,+ na metee sɛ honhom abɔdeɛ nnan no baako+ de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: “Bra!”+ 2 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie;+ na deɛ ɔte ne soɔ+ no kura agyan;+ na wɔmaa no abotire,+ na ɔfirii adi kɔdii nkonim+ sɛ ɔbɛwie ne nkonimdie koraa.+
3 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmienu+ no reka sɛ: “Bra!” 4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi baeɛ; na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no kwan sɛ ɔnyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho; na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.+
5 Berɛ a ɔtee+ nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmiɛnsa no+ reka sɛ: “Bra!” Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi nie; na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania+ wɔ ne nsam. 6 Na metee nne bi te sɛ deɛ ɛfiri honhom abɔdeɛ nnan+ no mfimfini+ sɛ: “Ayuo susukoraa denare baako,+ na atokoɔ susukoraa mmiɛnsa denare baako; na ngo ne bobesa deɛ, nsɛe no.”+
7 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so nnan+ no nne sɛ: “Bra!” 8 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ a ne ho nsonso bi nie; na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo. Na Adamena*+ di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asase nkyekyɛmu nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa nkrantɛ+ tenten ne aduankɔm+ ne owuyareɛ ne asase so nkekaboa+ nkunkum wɔn.
9 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne adansedie+ adwuma a na wɔyɛ nti wɔkunkum+ wɔn no akra+ wɔ afɔrebukyia+ no ase. 10 Na wɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Awurade Tumfoɔ,+ ɔkronkronni ne ɔnokwafoɔ,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akɔsi da bɛn na woabu atɛn+ atua asase sofoɔ ka yɛn mogya+ ho?” 11 Na wɔmaa wɔn mu biara atade tenten fitaa;+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome kakra nkɔsi sɛ wɔn mfɛfoɔ asomfoɔ ne wɔn nuanom a wɔrebɛkunkum+ wɔn sɛdeɛ wɔkum wɔn no bɛba abɛka ho ama wɔn dodoɔ awie duro.
12 Na mehunuu sɛ wɔate nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano, na asasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ; na awia yɛɛ tumm sɛ atweaatam+ a wɔde nwi ayɛ, na bosome mũ no nyinaa yɛɛ sɛ mogya,+ 13 na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma dua a mframa denden awoso no ama n’aba bunu atete aguo. 14 Na ɔsoro firii hɔ kɔɔ sɛ nwoma a wɔrebobɔ,+ na wɔtuu bepɔ ne supɔ biara firii baabi a emu biara wɔ.+ 15 Na asase so ahemfo ne atitire ne asahene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa de wɔn ho siee abodan ne mmepɔ mu abotan mu.+ 16 Na wɔkɔɔ so ara ka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: “Mommɛgu yɛn so+ na momfa yɛn nhunta mfiri Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no anim ne Adwammaa+ no abufuo ho, 17 ɛfiri sɛ wɔn abufuo+ da kɛseɛ+ no aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina?”+