Yeremia 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+ Hesekiel 5:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Na mɛsoma ɛkɔm ne mmoa bɔne+ abɛkunkum wo mma, na ɔyaredɔm+ ne mogya+ bɛsene afa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so.+ Me Yehowa na maka.’” Luka 21:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 na asasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na yaredɔm ne aduankɔm+ bɛba mmeammea; na ahudeɛ bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛseɛ afiri soro aba.+
2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+
17 Na mɛsoma ɛkɔm ne mmoa bɔne+ abɛkunkum wo mma, na ɔyaredɔm+ ne mogya+ bɛsene afa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so.+ Me Yehowa na maka.’”
11 na asasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na yaredɔm ne aduankɔm+ bɛba mmeammea; na ahudeɛ bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛseɛ afiri soro aba.+