Yona
2 Afei Yona bɔɔ Yehowa, ne Nyankopɔn mpaeɛ wɔ apataa no yam,+ 2 na ɔkaa sɛ:
“M’ahohia mu na mesu frɛɛ Yehowa,+ na ɔgyee me so.+
Adamena* yafunu mu na mesu hwehwɛɛ mmoa.+
Na wotiee me.+
3 Berɛ a wotoo me too ebunu mu, na mekɔɔ ɛpo akomam tɔnn no,+
Nsuo dii kyinhyia faa me ho.
Na w’asorɔkye de ne tumi nyinaa bu faa me so.+
6 Mesiane kɔɔ mmepɔ ase tɔnn.
Na asase adaban kaa me hyɛɛ mu daa.
Nanso wo Yehowa me Nyankopɔn, woyii me nkwa firii amena mu.+
8 Wɔn a wɔde wɔn ho to atorɔ ahoni soɔ no, wɔpo wɔn ara wɔn adɔeɛ.+
10 Afei Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asase kesee so.+