Genesis
42 Akyire yi Yakob tee sɛ aburoo wɔ Egypt.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Mote hɔ rehwehwɛ mo ho anim saa reyɛ dɛn?” 2 Ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mate sɛ aburoo wɔ Egypt.+ Monkɔtɔ bi wɔ hɔ mmra na yɛntena ase, na ɛkɔm anku yɛn.” 3 Enti Yosef nuanom du+ siim kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduane. 4 Na Yakob amma Yosef nua Benyamin+ ankɔ bi, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Anhwɛ a, na asiane bi akɔto no.”+
5 Enti Israel mma no de wɔn ho bɔɔ afoforɔ a na wɔrekɔtɔ aduane no, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no aduru Kanaan asase so.+ 6 Ná Yosef ne otumfoɔ wɔ asase no so.+ Ɔno na na ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa.+ Enti Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.+ 7 Berɛ a Yosef ani bɔɔ ne nuanom soɔ no, ɔhunuu wɔn ntɛm ara, nanso wamma wɔanhu no.+ Enti ɔteateaa wɔn, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Mofiri he?” Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛfiri Kanaan asase so na yɛrebɛtɔ aduane.”+
8 Yosef hunuu ne nuanom, nanso wɔn deɛ, wɔanhu no. 9 Afei Yosef kaee daeɛ a ɔso faa wɔn ho no,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ akwansrafoɔ! Moaba sɛ morebɛhwɛ asase yi ho akwan!”+ 10 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Me wura,+ ɛnte saa; mmom wo nkoa+ aba sɛ wɔrebɛtɔ aduane. 11 Yɛn nyinaa firi papa baako. Yɛn tirim fitaa. Wo nkoa nyɛ akwansrafoɔ.”+ 12 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moboa! Moaba sɛ morebɛhwɛ asase yi ho akwan!”+ 13 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wo nkoa yɛ anuanom dumienu.+ Yɛyɛ papa baako mma+ wɔ Kanaan asase so; kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn,+ na deɛ ɔka ho no nni hɔ.”+
14 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛno ara na meka kyerɛɛ mo no, ‘Moyɛ akwansrafoɔ!’ 15 Deɛ mede bɛsɔ mo ahwɛ nie: Sɛ Farao te aseɛ yi, moremfiri ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha.+ 16 Momma mo mu baako nkɔfa mo nua no mmra, na mo a moaka no nna afiase. Yei na yɛde bɛhunu nokorɛ a ɛwɔ asɛm no mu.+ Anyɛ saa a, ɛnneɛ sɛ Farao te aseɛ yi, moyɛ akwansrafoɔ.” 17 Ɛnna ɔde wɔn guu afiase nnansa.
18 Ne nnansa soɔ no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ yei na monya mo tiri didi mu, ɛfiri sɛ mesuro+ nokorɛ Nyankopɔn no. 19 Sɛ mo tirim fitaa ampa a, momma wɔmfa mo mu baako nto afiase ha,+ na mo a moaka no mfa aburoo nkɔma mo fiefoɔ a wɔredi kɔm no.+ 20 Afei momfa mo nua kumaa no mmrɛ me na menhunu sɛ asɛm a moaka no yɛ nokorɛ, na moanwu.”+ Na wɔtee aseɛ sɛ wɔbɛyɛ no saa.
21 Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: “Ampa ara, yɛn nua no ho asodie da yɛn so,+ ɛfiri sɛ yɛhunuu sɛ ne kra rebrɛ, nanso berɛ a ɔsrɛɛ sɛ yɛnhu no mmɔbɔ no yɛantie. Yei nyinaa nti na yɛrehunu amane yi.”+ 22 Na Ruben buaa sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ abɔfra no bɔne na moantie?+ Afei yɛrebu ne mogya ho akonta.”+ 23 Saa berɛ no nyinaa na wɔnnim sɛ Yosef te deɛ wɔreka no, ɛfiri sɛ wɔne no kasa a, na obi kyerɛ aseɛ. 24 Afei ɔfirii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ.+ Na ɔsan ba ne wɔn bɛkasaeɛ, na ɔyii Simeon+ firii wɔn mu na ɔkyekyeree no wɔn anim.+ 25 Akyire yi Yosef kaa sɛ wɔnhyɛ obiara kotokuo a ɔde baeɛ aburoo mã. Na ɔkaa sɛ wɔmfa obiara sika nhyɛ ne kotokuo mu,+ na wɔmma wɔn akwansoduane.+ Na wɔyɛɛ saa maa wɔn.
26 Afei wɔhyehyɛɛ aburoo no wɔ wɔn mfunumu so, na wɔsiim kɔeɛ. 27 Berɛ a wɔduruu ahomegyebea a wɔn mu baako sanee ne kotokuo sɛ ɔrema n’afunumu aduane no,+ ɔhunuu sɛ ne sika no hyɛ ne kotokuo mu.+ 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Wɔde me sika asan ama me; monhwɛ sɛ ɛhyɛ me kotokuo mu!” Afei wɔn akoma tuiɛ,+ na wɔde ahopopoɔ kaa sɛ: “Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”+
29 Na wɔkɔduruu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kanaan asase so, na wɔkaa deɛ ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: 30 “Otumfoɔ a ɔhwɛ asase no soɔ no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ ɛfiri sɛ na ɔsusu sɛ yɛyɛ akwansrafoɔ a yɛawia yɛn ho rebɛhwɛ deɛ ɛwɔ asase no soɔ.+ 31 Na yɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛn tirim fitaa.+ Yɛnyɛ akwansrafoɔ. 32 Yɛkaa sɛ yɛyɛ anuanom dumienu+ a yɛfiri papa baako.+ Baako nni hɔ,+ na kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn wɔ Kanaan+ asase so.’ 33 Na otumfoɔ a ɔhwɛ asase no soɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ,+ ‘Deɛ ɛbɛma mahunu sɛ mo tirim fitaa nie:+ Monnya mo mu baako wɔ me nkyɛn,+ na mo a moaka no mfa biribi nkɔma mo fiefoɔ a wɔredi kɔm no.+ 34 Na momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na mahunu ampa sɛ monyɛ akwansrafoɔ na mmom mo tirim fitaa. Mede mo nua no bɛsan ama mo, na mobɛtumi adi dwa asase yi so.’”+
35 Na berɛ a wɔrehwie wɔn kotokuo mu nneɛma no, wɔhunuu sɛ obiara sika hyɛ ne kotokuo mu. Na wɔne wɔn papa nyinaa hunuu sika no, wɔbɔɔ hu. 36 Ɛnna wɔn papa Yakob teaam sɛ: “Me na moama mahwere me mma!+ Yosef nni hɔ, na Simeon nni hɔ,+ na morebɛfa Benyamin nso akɔ! Me na amanehunu yi nyinaa aba me soɔ!” 37 Ɛnna Ruben ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, me mma mmienu na wɔwɔ hɔ yi, ku wɔn.+ Fa no hyɛ me nsa, na mɛhwɛ de no abrɛ wo.”+ 38 Nanso ɔkaa sɛ: “Me ba no ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu na aka ɔno nko.+ Sɛ asiane bi to no kwan so a, mobɛma mede me dwono akɔ Adamena* mu awerɛhoɔ mu.”+