34 Na momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na mahunu ampa sɛ monyɛ akwansrafoɔ na mmom mo tirim fitaa. Mede mo nua no bɛsan ama mo, na mobɛtumi adi dwa asase yi so.’”+
29 Berɛ a ɔmaa n’ani so hunuu ne nua Benyamin, ne maame ba no,+ ɔkaa sɛ: “Mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no nie?”+ Na ɔtoaa so sɛ: “Me ba, Onyankopɔn nyi n’adɔeɛ adi nkyerɛ wo.”+