Genesis 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Mekaa no me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro nni ha,+ anhwɛ a me yere nti wɔbɛku me.’+ Leviticus 25:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Nteetee no na nni n’ani,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Nehemia 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a ɛmu yɛ duro soaa ɔman no, na wɔgyee dwetɛ nnwetɛbena aduanan da biara da de tɔɔ aduane ne nsã. Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. 2 Korintofoɔ 7:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Adɔfo, ɛsiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ+ ahodoɔ yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho+ mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahoteɛ adi mũ Onyankopɔn suro+ mu.
11 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Mekaa no me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro nni ha,+ anhwɛ a me yere nti wɔbɛku me.’+
15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a ɛmu yɛ duro soaa ɔman no, na wɔgyee dwetɛ nnwetɛbena aduanan da biara da de tɔɔ aduane ne nsã. Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+
7 Adɔfo, ɛsiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ+ ahodoɔ yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho+ mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahoteɛ adi mũ Onyankopɔn suro+ mu.