38 Nanso ɔkaa sɛ: “Me ba no ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu na aka ɔno nko.+ Sɛ asiane bi to no kwan so a, mobɛma mede me dwono akɔ Adamena* mu awerɛhoɔ mu.”+
7 Wɔbuaa sɛ: “Ɔbarima no ara na ɔbisaa yɛne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm sɛ, ‘Mo papa te ase?+ Mowɔ nua foforɔ bi?’ Na yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuaeɛ.+ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahunu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Momfa mo nua no mmra’?”+